Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Romafoɔ 7:18 - Apam Foforɔ

18 Na menim sɛ bibi papa biaa nte me mu, mekyerɛ, me honam mu. Mewɔ pɛ pa sɛ mɛyɔ nea ɔyɛ, nso mentumi nyɔ,

Gade chapit la Kopi




Romafoɔ 7:18
31 Referans Kwoze  

Nea befiri honam mu awo no he yɛ honam, na nea befiri Honhom mu awo no he yɛ honhom.


Na nea honam pɛ he ko tia Honhom he, na nea Honhom he nso pɛ he ko tia honam he; efiri sɛ saa nnoɔma he ko tia ne yɔnko, sɛ obesi ho kwane na hoanyɔ nea hopɛ.


Aseda mfa yɛ Awurade Yesu Kristo so nka Nyankopɔn! Nti afei, m’adwene mu he meyɛ akoa ma Nyankopɔn mmara, nso me honam mu he meyɛ bɔne akoa.


Na bɛ a bɛyɛ Kristo Yesu deɛ he, bɛabɔ honam ne n’akɔnnɔ asennua mu.


efiri sɛ, Nyankopɔn ne yɔ ho mu adwuma, na ɔma ho pɛ a hode yɔ n’adwuma ama asɔ n’ani.


efiri sɛ, berɛ bi a atwam a na yɛ nso yennim nyansa, na yɛyɛ asoɔdenfoɔ, na yɛamane afiri kwane pa he so, na yɛyɛ nkoa ma akɔnnɔ ahodoɔ ne anigyedeɛ he, yɛde nitane ne ahoɔyeya ne bɔɔ yɛ bra, a na yɛ ho yɛ ahi, tentanee yɛ ho yɛ ho.


efiri sɛ menyɔ papa a mepɛ he, nso bɔne a mempɛ he ne meyɔ.


Mennte me ankasa me nneyɔeɛ ase, efiri sɛ mennyɔ nea mepɛ, nso meyɔ adeɛ pɔtee a metane.


Na akoma mu ne adwemmɔne, awudie, ayerefasɛm, adwamane, korɔnobɔ, adansekunumu ne dinsɛeɛ firi ba.


Efiri seesei ɔɔkɔ he, ho nna a aka ya asaase so ha he, ɔsɛ sɛ Nyankopɔn ne di ho abrabɔ so, na mmom ɔnyɛ nipa akɔnnɔ.


Ɔnyɛ sɛ me nsa anya aka yei, anaa sɛ ebia maanya awie pɛyɛ dada, na mmom mepem kɔ m’anim, na me nsa aka deɛ ntia Kristo Yesu nsa aka me heaa.


Nti, sɛ ho a hoyɛ abɔnefoɔ mpo nim sɛnea hode akyɛdeɛ pa ma ho mma a, mprɛ dodoɔ sɛ ne ho Agya a ɔya soro he mfa Honhom Kronkron mma bɛ a bebisa no?”


Na mmom, homfa Awurade Yesu Kristo nhyɛ (sɛ ataadeɛ), na homma kwane mma honam, akɔnnɔ nni ho so!.


Berɛ a na yɛte honam mu he, mmara he yɛnee yɛ bɔne akɔnnɔ he, na ɔyɔɔ adwuma yɛ nnipadua mu maa yɛsoo aba maa wuo.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite