16 Honnim sɛ nea hode ho ho ma no na hotie no sɛ nkoa he, hoyɛ ne nkoa, sɛ bɔne a ɔkɔ wuom, anaa setie a ɔkɔ tenenee mu?
Yesu buaa bɛ sɛ, “Meeka akyerɛ ho nɔkorem sɛ, biaa a ɔyɔ bɔne he yɛ bɔne akoa.
Atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ he hyɛ bɛ bɔ sɛ bɛbɛma bɛ ahofadie, nso bɛ ankasa deɛ bɛyɛ porɔeɛ nkoa efiri sɛ nipa biaa yɛ akoa ma bibiaa a odi ne so.
“Akoa biaa ntumi nsom awuranom mmienu; efiri sɛ ɔbɛtane baako na wadɔ baako, anaa ɔde ne ho bɛbata baako na waabu baako animtia. Hontumi nsom Nyankopɔn ne ahonyadeɛ.”
Nso yɛda Nyankopɔn ase sɛ, hoayɛ bɔne nkoa da, na hofiri akomam abɛyɛ setie ama nkyerɛkyerɛ a bɛde hyɛɛ ho nsa,
Nyankopɔn mpoo ne nkurofoɔ a oyii bɛ sieeɛ he. Wonnim deɛ twerɛsɛm he ka fa Elia ho, sɛnea ɔbɔɔ Isreal soboɔ kyerɛɛ Nyankopɔn?
Nti anuanom, megyina Nyankopɔn mmɔborɔhunu so ɔɔsrɛ ho sɛ, homfa ho nipadua nsi hɔ sɛ afɔdeɛ a ɔte ase, a ɔyɛ kronkron a ɔsɔ Nyankopɔn ani. Yei ne nyamesom pa.
Honnim sɛ hoyɛ Nyankopɔn asɔredane na Nyankopɔn Honhom te ho mu?
Ho ahohoahoa he nyɛ ade pa. Honnim sɛ mmɔreka kakraa bi ne tu mmɔre he nyinaa?
Honnim sɛ ahoteefoɔ ne bebu wiase atene? Na sɛ hobebu wiase atene a, ɔmfata ho sɛ hodi nsɛm nketewa anaa?
Honnim sɛ yebebu abɔfoɔ atene? Na sɛ ɔte saa a, daa daa asetena yi mu nnoɔma ne yentumi mmu ho atene anaa?
Honnim sɛ bɛ a bɛntene he, bennya Nyankopɔn ahennie he? Homma bɛnnaadaa ho! Adwamammɔfoɔ, abosonsomfoɔ, awaresɛefoɔ, mmeema a bɛbɔ ahuhubra, mmeema bɛ ne mmeema da,
Honnim sɛ bɛ a bɛyɔ asɔre he mu adwuma nya bɛ aduane firi asɔrefie hɔ, na bɛ a bɛte afɔrebokyia he ho he nso didi afɔrebokyia he ho bi?
Honnim sɛ mmirikatufoɔ nyinaa si akane akansie mu, nso baako pɛ ne nya nkunim abotire he? Saa ara nso ne hontu mmirika sɛdeɛ hobedi nkunim.
Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, ‘Ho nso ho nkɔ bobe turo mu hɔ, na metua ho ka sɛdeɛ ɔsɛ.’ Nti bɛkɔeɛ.