Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Romafoɔ 5:21 - Apam Foforɔ

21 Na sɛnea bɔne dii hene wuo mu he, adom so nam tenenee so adi hene afa yɛ Awurade Yesu Kristo so kɔ daa nkwa mu.

Gade chapit la Kopi




Romafoɔ 5:21
19 Referans Kwoze  

Na Nyankopɔn adom a ɔde nkwagyeɛ ma nnipa nyinaa he ada adi,


Nso wuo faa nnipa nnommum firi Adam so kosii Mose so, mpo bɛ a bɛ bɔne nte sɛ Adam mmarato he, saa Adam yi yɛ nea na ɔɔba he ho nsɛso.


Sɛ Kristo te ho mu a, ewom sɛ honam he awu deɛ, ɔnam bɔne nti, nso honhom he wɔ nkwa ɔnam tenenee nti.


Na bɔne akatua a ne wuo, nso Nyankopɔn adom akyɛdeɛ ne daa nkwa a ɔya Awurade Kristo Yesu mu.


Na bɔne amfa ho nommum bio, efiri sɛ honni mmara ase, na mmom hoya adom ase.


Saa nti ɔnam nipa baako so ne bɔne baa wiase, na wuo nam bɔne so baeɛ, maa wuo trɛ kaa nnipa nyinaa, efiri sɛ nnipa nyinaa ayɔ bɔne;


Sɛ ɔnam baakofoɔ mmarato so maa wuo faa nnipa nnommum saa kwane yi so a, mprɛ meɛhe ne bɛ a benyaa adom ne tenenee akyɛdeɛ a ɔboro so he mmom ɔmmfa nipa baako, Yesu Kristo, so nya daa nkwa.


Na adom nyinaa Nyankopɔn a wafrɛ ho aba ne daa animuonyam he mu Kristo mu he, ɔnoaa ne sɛ ho hu amane kakra, obesiesie ho pɛ; ɔbɛma ho ase atim. Ɔbɛhyɛ ho dene; ɔbɛma ho anya nnyinasoɔ.


Honnim sɛ nea hode ho ho ma no na hotie no sɛ nkoa he, hoyɛ ne nkoa, sɛ bɔne a ɔkɔ wuom, anaa setie a ɔkɔ tenenee mu?


Na yei ne wahyɛ yɛ ho bɔ he, nkwa a onni awieeɛ he.


Simon Petro, Yesu Kristo akoa a ɔsane yɛ ne somafoɔ twerɛ krataa yi de kɔma bɛ a esiane yɛ Nyankopɔn ne yɛ Agyenkwa Yesu Kristo tenenee nti, bɛanya gyidie a ɔte sɛ yɛ deɛ heaa.


Saa deɛ a homma yɛmfa akokoɔduro mmra adom ahennwa he anim, na yɛanya mmɔborɔhunu ne adom a ɔbɛboa yɛ berɛ a ɔsɛ mu.


Na bɔ a bɛhyɛɛ no sɛ obedi adeɛ wiase he annyɛ bɔhyɛ a ɔnam mmara so maa Abraham anaa n’asefoɔ na mmom ɔnam gyidie tenee so.


Mema bɛ daa nkwa, na bɛnyera da. Na biaa ntumi nhwim bɛ mfiri me nsam.


Nti, hommma bɔne mmfa ho nipadua a obewu yi nommum, sɛ hobɛyɛ setie ama honam akɔnnɔ.


Na yeinom befiri hɔ akɔ daa asotwe mu, na ateneneefoɔ he bɛkɔ daa nkwa mu.”


Na Asɛm he bɛyɛɛ honam bɛtenaa yɛ mu, na yɛahu n’animuonyam sɛ Agya he Ba a ɔwoo no koro maa yɛ, adom ne nɔkorɛ ahyɛ no ma.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite