Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Romafoɔ 4:15 - Apam Foforɔ

15 efiri sɛ mmara he twetwe Nyankopɔn abufuo ba; na sɛ mmara nni hɔ a, mmarato biaa nso nni hɔ.

Gade chapit la Kopi




Romafoɔ 4:15
26 Referans Kwoze  

ansa na mmara he ɔɔba he na bɔne ya wiase, nso sɛ mmara nni hɔ a bemmu biaa fɔ bɔne ho.


Biaa a ɔde ne ho to mmara nnwuma he so he hyɛ nnome ase; efiri sɛ bɛatwerɛ sɛ, “Nnomee ne nipa biaa a onni nea bɛatwerɛ no mmara nwoma mu he nyinaa so na ɔmfa nni dwuma.”


Wuo nwowɔeɛ yɛ bɔne, na bɔne tumi ne mmara.


Hedeɛ na mmara he botaeɛ ne sɛ? Mmaratoɔ nti ne bɛde mmara he kaa apam he ho, kosi mmerɛ a Abraham aseni a na bɛahyɛ ne ho bɔ he bɛba; na abɔfoɔ nam ntamgyinafoɔ bi so hyɛɛ mu kena.


Nea ɔgye ba he di he wɔ daa nkwa, na nea ontie ba he onhu nkwa, na Nyankopɔn abufuo ya ne so.


Biaa a ɔyɛ bɔne he to Nyankopɔn mmara, efiri sɛ, bɔne yɛ mmarato.


Hommma nnipa biaa mfa nsɛnhunu nnaadaa ho, efiri sɛ saa nnoɔma yi ne de Nyankopɔn abufuo ba asoɔdenfoɔ so.


Sɛ mamma ammɛkasa ankyerɛ bɛ a, nka bɛnnyɔɔ bɔne; na seesei deɛ benni bɛ bɔne ho anoyie biaa.


Yeinom nti ne Nyankopɔn abufuo ɔɔba bɛ a bɛyɛ asoɔdene so.


Na asɛmpa he mu ne Nyankopɔn tenenee da adi firi gyidie mu kɔ gyidie mu; sɛnea bɛatwerɛ sɛ, “Nea ɔtene he nam gyidie so ne benya nkwa.”


Afei nkrantɛ nnamnnam a ɔde bedi amane so firi n’anum baeɛ. Ɔde dadeɛ poma ne bedi bɛ so. Obetiatia Nyankopɔn a ɔyɛ adeɛ nyinaa so tumfoɔ he abufuo a ɔdene he nsa-kyi-amena he so.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite