Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Romafoɔ 3:9 - Apam Foforɔ

9 Hedeɛ asɛm he ne sɛ? Nti yɛ Yudafoɔ he kyɛne bɛ a bɛaka he anaa? Daabi, ɔnte saa koraa; efiri sɛ yɛadi kane aka sɛ, Yudafoɔ oo, Helafoɔ oo, biaa hyɛ bɔne tumi ase,

Gade chapit la Kopi




Romafoɔ 3:9
21 Referans Kwoze  

Nso twerɛsɛm he da no adi sɛ nnoɔma nyinaa hyɛ bɔne tumi ase, na ama bɔ a bɛnam Yesu Kristo mu gyidie so ahyɛ he aba bɛ a bɛgye di he so.


Afei mmɛ bio? Yɛnyɔ bɔne efiri sɛ yenni mmara ase na mmom adom ase anaa? Daabi da!


Nyankopɔn ama bɛ asoɔdene aka bɛ ato afiase sɛ obehu bɛ mmɔbɔ.


Afei yenim sɛ, nea mmara he ka biaa, ɔkasa kyerɛ bɛ a bɛya mmara he ase, sɛnea ɔbɛyɛ a ano biaa bɛka atom, na wiase nyinaa abu nkonta akyerɛ Nyankopɔn,


Yei biaa nhia! Na nea ohia ne sɛ bɛbɛka Kristo ho asɛm akwane nyinaa mu, sɛ ɔyɛ mpatuyɛ mu oo, sɛ ɔyɛ nɔkorɛ mu oo, me mmom deɛ asɛmpa a bɛaka he ne ma m’ani gye.


Biaa a ɔde ne ho to mmara nnwuma he so he hyɛ nnome ase; efiri sɛ bɛatwerɛ sɛ, “Nnomee ne nipa biaa a onni nea bɛatwerɛ no mmara nwoma mu he nyinaa so na ɔmfa nni dwuma.”


Sɛ ɔte saa, ɛɛne ne ɔsɛ sɛ meyɔ? Mede honhom he bɛbɔ mpaeɛ, na mede adwene nso abɔ mpaeɛ. Mede honhom bɛto dwom, na mede adwene nso ato dwom.


Afei mmɛ ne mepɛ sɛ mekyerɛ? Sɛ abosom afɔdeɛ yɛ bibi anaa sɛ bosom yɛ bibi?


Na hwane ne hu bibi sononko ya ho mu? Ɛɛne ne wowɔ a wo nsa anka? Na sɛ wo nsa kaeɛ a, mmɛ nti ne hoahoa woho te sɛ ɔnyɛ akyɛdeɛ?


Afei mmɛ bio? Israel nsa anka nea ɔɔhwehwɛ he. Bɛ a bɛayi bɛ he deɛ bɛ nsa kaeɛ, nso bɛ a bɛaka he deɛ beprim bɛ akoma,


Nti sɛ tene a yɛntene da Nyankopɔn tenenee adi a, mmɛ ne yɛbɛka? Nti Nyankopɔn ntene sɛ obehwie n’abufuo agu yɛ so? (Meka no nipa fam.)


Na Nyankopɔn abufuo ayi adi atia bɛ a bɛde nnoɔma a ɔntene ne amumuyɔ berɛ nɔkorɛ he ase nyinaa.


Na Farisini a ɔtoo nsa frɛɛ no he huiɛ he, ɔkaa no ne tim sɛ, “Sɛ beema yi yɛ diyifoɔ a, nka obehu onii ne baa ko a ɔde ne nsa ɔɔka no he sɛ ɔyɛ debɔneyɛni.”


Ne saa nti, adasamma nni anoyie biaa, sɛnea woteeɛ biaa, woobu bi atɛne he, na woobu woaa wo ho atɛne, efiri sɛ wo a woyɛ temmufoɔ he, woyɔ ade korɔ heaa.


Afei, mmɛ ne Yudani wɔ boro so? Anaa mmɛ mfasoɔ ne ya twetiatwa so?


Na yenim sɛ mmara he yɛ honhom; nso meya honam mu a, bɛatɔno me ahyɛ bɔne nkoasom ase.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite