Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Romafoɔ 3:4 - Apam Foforɔ

4 Daabi da! Ewom sɛ nnipa biaa nni nɔkorɛ, ma Nyankopɔn nyɛ nɔkwafoɔ, sɛnea bɛatwerɛ sɛ: “Sɛnea wobedi bem wo nsɛm mu. Na woadi nkunim w’atemmuo mu.”

Gade chapit la Kopi




Romafoɔ 3:4
33 Referans Kwoze  

Nso sɛ berɛ a yɛbɔ mmɔdene sɛ bebebu yɛ bem Kristo mu he, sɛ behu nso sɛ yɛyɛ nnebɔnyɛfoɔ a, na Kristo yɛ bɔne akoa anaa? Daabi da, ɔnte saa koraa!


sɛdeɛ ɔbɛyɛ a ɔnam nnoɔma mmienu a ɔnsesa so, sɛ Nyankopɔn ntumi nni torɔ, na yɛ a yɛadwane abɛtoa no he benya nkuranhyɛ a mu ɔdene na yɛasɔ anidasoɔ a ɔda yɛ anim he mu.


daa nkwa ho anidasoɔ a Nyankopɔn a onni torɔ, hyɛɛ ho bɔ too hɔ ansa na adebɔ ɔɔbɛhyɛ aseɛ—


Nea ɔgye n’adanseɛ he tom he asɔ ano sɛ Nyankopɔn yɛ nɔkwafoɔ.


“Twerɛ krataa kɔma Filadelfia asafo he mu bɔfoɔ he sɛ: Yei ne asɛm a ofiri nea ɔyɛ kronkron, a ɔyɛ nɔkwafoɔ a okita Dawid safoa a sɛ obie a, bi ntumi nto mu, na ɔto mu nso a, bi ntumi mmie, he nkyɛne.


Na yenim sɛ Nyankopɔn Ba he aba, na waama yɛ nteaseɛ ama yɛahu Nyankopɔn trodoo he. Yɛ abrabɔ ya Nyankopɔn trodoo he ne ne Ba Yesu Kristo he mu. Yei ne Nyankopɔn trodoo he ne nkwa a onni awieeɛ he.


Hedeɛ mmɛ ne yɛbɛka? Atɛntenenee nni Nyankopɔn fam? Daabi da!


Nti biaa a ɔgye Nyankopɔn Ba he di he wɔ saa adanseɛ yi ya n’akoma mu. Na nea ɔnnye Nyankopɔn nni he ama Nyankopɔn ayɛ torɔfoɔ, efiri sɛ, wannye adanseɛ a Nyankopɔn di faa ne Ba he ho he anni.


Memma Nyankopɔn adom he nyɛ kwa; na sɛ bembuo nam mmara so ne ba a, hedeɛ na Kristo awu kwa.


Afei mmɛ bio? Yɛnyɔ bɔne efiri sɛ yenni mmara ase na mmom adom ase anaa? Daabi da!


Ɔsɛ sɛ yɛde saa gyidie he tu mmara he gu anaa? Daabi da! Na mmom, yɛma mmara he ase tim.


Nipa Ba he baeɛ a odidi na ɔnom, na hoka sɛ, “Ɔyɛ didifoɔ ne nsanomfoɔ, togyefoɔ ne nnebɔnyɛfoɔ bɛ adamfo!’ Nso, bɛ a bɛde Nyankopɔn nyansa di dwuma he da no adi sɛ ne nyansa he yɛ papa.”


Menhoahoa me ho bibiaa ho ka yɛ Awurade Yesu Kristo asennua a ɔnam so abɔ wiase asennua mu ama me, na me nso bɛabɔ me asennua mu ama wiase.


Afei meebisa sɛ, nti Nyankopɔn apo ne nkurofoɔ? Daabi da! M’ankasa meyɛ Israelni a meyɛ Abraham aseni a mefiri Benyamin abusuakuo mu.


Sɛ Nyankopɔn yɛ nɔkwafoɔ yi, yɛ nso yɛ ano nyɛ ntanta da ya nsɛm a yɛka kyerɛ ho he ho.


Nti meebisa sɛ, bɛasonti sɛ bɛbɛhwe ase? Daabi da! Nso ɔnam bɛ sintidua he so ama Amanamane mufoɔ anya nkwagyeɛ, sɛnea ɔbɛyɛ a Israel bɛtwe ninkunu.


Ne saa nti mmɛ ne yɛnka? Mmara he yɛ bɔne anaa? Daabi da! Nso, sɛ ɔnyɛ mmara he a, nka na menim bɔne. Sɛ mmara he anka sɛ, “Mma w’ani mmere adeɛ” a, nka na mennim nea bɛfrɛ no anibereɛ.


Daabi da, ɔnsɛ sɛ yɛyɔ saa koraa! Mmɛ nti ne ɔsɛ sɛ yɛ a yɛawu ama bɔne kɔ so tena bɔne mu?


Ɔbɛba abɛsɛe nhwɛsofoɔ yi na ɔde bobe turo he ama nnipa foforɔ.” Bɛtee yei he bɛkaa sɛ, “Nyankopɔn mpa ngu!”


Nti nea ɔyɛ papa he, adane wuo ama me anaa? Daabi da! Na mmom ɔyɛ bɔne a ɔnam nea ɔyɛ papa so de wuo di dwuma me mu, sɛnea ɔbɛyɛ a ɔbɛda adi sɛ bɔne yɛ bɔne, na ɔnam mmaransɛm he so ama bɔneyɔ aboroso.


Honnim sɛ ho nnipadua he yɛ Kristo akwaa? Ɔsɛ sɛ mede Kristo akwaa yɛ adwamammɔ akwaa anaa? Daabi da!


Akyinnye nni ho sɛ yɛ som yi mu ahintasɛm he so: Beyii no kyerɛ honam mu, bebuu no bem honhom mu, abɔfoɔ huu no, bɛpaee mu ka ne ho asɛm amanamane mu, bɛgyee no diiɛ wiase, bɛfaa no kɔ soro animuonyam mu.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite