Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Romafoɔ 3:25 - Apam Foforɔ

25 Kristo ne Nyankopɔn de no asi hɔ sɛ ne mogyaa he nyɛ mpatadeɛ a nipa nam gyidie so ne nya mu kyɛfa; na Nyankopɔn de ayi ne tenenee adi sɛ nnebɔne a bɛyɔɔ no kane he, ɔnam ne boasetɔ so abu n’ani agu so;

Gade chapit la Kopi




Romafoɔ 3:25
51 Referans Kwoze  

Yei mu ne dɔ he ya, ɔnyɛ sɛ yɛ ne yɛdɔɔ Nyankopɔn, na mmom ɔno ne dɔɔ yɛ na ɔnam so somaa ne Ba sɛ ɔmmɛyɛ yɛ bɔne ho mpatadeɛ.


Na Kristo he ankasa ne yɛ yɛ bɔne ho mpatadeɛ, na ɔnyɛ yɛ bɔne nkoaa, na mmom wiase nyinaa bɔne nso.


Nea ɔka ho koraa ne sɛ, seesei bɛde ne mogyaa abu yɛ bem, bɛnam ne so bɛgye yɛ afiri Nyankopɔn abufuo mu.


Nyankopɔn buu n’ani guu mmerɛ a na bennim hwee he so, nso afei ɔɔka akyerɛ adasamma a bɛya mmaa nyinaa sɛ biaa nsakra n’adwene,


efiri sɛ, anantwie ne mmirekyie mogyaa ntumi nyi bɔne hɔ.


Na bɛ a bɛte asaase so nyinaa bɛkoto no, meekyerɛ bɛ a bɛamfiri wiase ahyɛaseɛ antwerɛ bɛ dini Adwammaa a bekuu no he nkwa nwoma mu he.


Gyidie so ne Noah, mmerɛ a Nyankopɔn bɔɔ no kɔkɔ faa nnoɔma a obesi ho he, ɔde anidie gyee kɔkɔbɔ he too mu na ɔyɔɔ adaka de gyee ne fiefoɔ nkwa; Noah nam saa so buu wiase fɔ, na ɔnam ne gyidie so bɛyɛɛ tenenee adedifoɔ.


Afei ɔnam sɛ bɛabu yɛ bem gyidie mu nti, yɛnam yɛ Awurade Yesu Kristo so anya asomdwie Nyankopɔn mu,


Na biaa a bɛantwerɛ ne dini nkwa nwoma he mu he, bɛtoo no twenee gya tadeɛ he mu.


Bɛtoo nnwom foforɔ bi sɛ, “Wofata sɛ wofa nwoma he, na wote nsɔano he ano, efiri sɛ, bekuu wo, na bɛde wo mogyaa atɔ nnipa afiri abusua, kasa, mane ne nkurofoɔ ahodoɔ mu ama Nyankopɔn.


efiri sɛ bɛ a bɛkaa saa he daa no adi pefee sɛ bɛ ani da bɛ ankasa bɛ mane so.


Sɛ yɛka sɛ yɛnyɔɔ bɔne a, yɛma Nyankopɔn yɛ torɔfoɔ, na n’asɛm he nni yɛ mu.


Gyidie nti ne Abraham, mmerɛ a bɛsɔɔ no hwɛeɛ he, ɔde Isak maeɛ. Ɔno a onyaa bɔhyɛ he yɔɔ krado sɛ ɔde ne ba koro he bɛbɔ afɔreɛ,


so ne animuonyam Kerubim he kata mpata adwa he so. Saa nnoɔma yi deɛ yentumi nka ho asɛm nkɔ akyiri seesei.


Asɛm he yɛ nɔkorɛ, na ɔsɛ sɛ bɛgye tom sɛ Kristo Yesu baa wiase bɛgyee nnebɔnyɛfoɔ a medi mu kane.


Nso ɔnyɛ yei nkoaa, na mmom yɛnam yɛ Awurade Yesu Kristo so hoahoa yɛ ho Nyankopɔn mu, seesei deɛ, yɛnam ne so anya mpata yi.


sɛnea ɔbɛyɔ a ɔbɛda n’ankasa ne tenenee adi saa berɛ yi mu, na berɛ a obu nipa a ɔwɔ Yesu mu gyidie bem he, ada adi sɛ ɔyɛ teneneeni mapa.


Anaa wobu N’ayamyɛ pii a ɔno ne boasetɔ ne n’abodwokyɛre he animtia? Wonnim sɛ Nyankopɔn ayamyɛ botae ne sɛ ɔde wo bɛkɔ adwensakram?


sɛ ɔmmɛyɔ nea wo nsa ne wo agyina ahyɛ ato hɔ sɛ ɔbɛba he.


Nso Nyankopɔn nam saa kwane yi so ama nnoɔma a ɔnam adiyifoɔ he so kaeɛ he aba mu sɛ, ne Kristo he behu amane.


Awurade a ɔma behuu yeinom nyinaa firi wiase ahyɛaseɛ he ne ɔɔka.’


ɔnoaa ne ɔnam Nyankopɔn nhyehyɛeɛ ne ne nim a onim dada so yii no maeɛ he, na hofaa no, nam bɛ a benni mmara nsa so bɔɔ no asennua mu kuu no.


Meeka akyerɛ ho nɔkorem sɛ, biaa a ɔgye di he benya daa nkwa.


Ɔno ne tete berɛ a atwam he, ogyae amanamane nyinaa maa bɛfaa bɛaa bɛ akwane so,


Nti sɛnea nipa baako mmarato de bebree kɔɔ afobuo mu he, saa ne ɔnam baakofoɔ tenenee so de bembuo ne nkwa bɛma nnipa nyinaa.


Honyi mmɔreka dadaa he nyinaa sɛdeɛ ɔbɛyɛ a hobɛyɛ foforɔ, efiri sɛ mmɔreka biaa nni ho mu, efiri sɛ bɛaya de Kristo a ɔyɛ yɛ twam dwane he abɔ afɔdeɛ.


Na yɛ nti nea onnim bɔne he, Nyankopɔn de yɛ bɔne ho afobuo to ne so, sɛnea ɔbɛyɛ a yɛnam ne so bɛyɛ tenenee ama Nyankopɔn.


Ne mu ne yɛnam ne mogyaa so anya gyeɛ, a ɔne yɛ mfomsoɔ ho fakyɛ, sɛnea n’adom mmorosoɔ teɛ


Nso afei deɛ Kristo Yesu mu, ho a nka na hoya akyirikyiri he, bɛnam Kristo mogyaa so atwe ho abɛne Nyankopɔn.


saa nso ne Kristo a ɔde ne ho bɔɔ afɔreɛ prɛko sɛ ɔbɛsoa nnipa bebree bɔne prɛko he, beyi ne ho adi ne mprenu so a, ɔmmɛyɔ bɔne ho adwuma, na mmom ɔɔbɛgye bɛ a bɛhwɛ no kwane dendenndene he nkwa.


ne Yesu Kristo a ɔyɛ danseni nɔkwafoɔ ne wusɔreɛ mu dikanfoɔ ne asaase so ahene sodifoɔ he nkyɛne nka ho. Ɔno a ɔdɔ yɛ, na ɔnam ne mogyaa he so agye yɛ afiri yɛ bɔne mu he


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite