Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Romafoɔ 3:23 - Apam Foforɔ

23 efiri sɛ nnipa nyinaa ayɔ bɔne na yɛtɔ sini Nyankopɔn animuonyam ho;

Gade chapit la Kopi




Romafoɔ 3:23
17 Referans Kwoze  

Hedeɛ asɛm he ne sɛ? Nti yɛ Yudafoɔ he kyɛne bɛ a bɛaka he anaa? Daabi, ɔnte saa koraa; efiri sɛ yɛadi kane aka sɛ, Yudafoɔ oo, Helafoɔ oo, biaa hyɛ bɔne tumi ase,


Nso twerɛsɛm he da no adi sɛ nnoɔma nyinaa hyɛ bɔne tumi ase, na ama bɔ a bɛnam Yesu Kristo mu gyidie so ahyɛ he aba bɛ a bɛgye di he so.


Nyankopɔn ama bɛ asoɔdene aka bɛ ato afiase sɛ obehu bɛ mmɔbɔ.


sɛ honnante sɛnea ɔsɛ Nyankopɔn a wafrɛ ho akɔ n’ahenie ne n’animuonyam mu he.


Afei yenim sɛ, nea mmara he ka biaa, ɔkasa kyerɛ bɛ a bɛya mmara he ase, sɛnea ɔbɛyɛ a ano biaa bɛka atom, na wiase nyinaa abu nkonta akyerɛ Nyankopɔn,


Yei nti ne ɔnam yɛ asɛmpa he so afrɛ ho aba, na hoanya yɛ Awurade Yesu Kristo animuonyam.


Na mmom, homma ho ani nnye sɛ ho ne Kristo oohu amane sɛnea ho ani bɛgye na ho adi ahurusie da a n’animuonyam bɛda adi he.


ɔno so ne yɛnam anya saa adom a yegyina so yi; na yɛhoahoa yɛ ho anidasoɔ a yɛ wɔ no Nyankopɔn animuonyam mu.


Na esiane sɛ bɛammu Nyankopɔn nti, Nyankopɔn gyae bɛ maa adwene a ɔmfata na bɛyɔɔ nnoɔma hunu a ɔnsɛ sɛ bɛyɔ koraa.


Na adom nyinaa Nyankopɔn a wafrɛ ho aba ne daa animuonyam he mu Kristo mu he, ɔnoaa ne sɛ ho hu amane kakra, obesiesie ho pɛ; ɔbɛma ho ase atim. Ɔbɛhyɛ ho dene; ɔbɛma ho anya nnyinasoɔ.


Me a meyɛ asafo panyini he, metu asafo he mu mpanyimfoɔ fo sɛ, meyɛ Kristo amanehunu he ho dansefoɔ nti n’animuonyam a ɔbɛba he bɛka me.


Nti, esiane sɛ bɔhyɛ da so ya hɔ sɛ yebetumi ahyɛne n’ahomegyeɛ mu nti, homma yɛnhwɛ yie sɛ ho mu bi ɔnntɔ ho sini daakye;


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite