Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Romafoɔ 2:8 - Apam Foforɔ

8 nso bɛ a bedi ntuturasɛm; na bɛpo nɔkorɛ na bɛfa kwane a ɔntene so he, bebenya abufuo ne asotwe.

Gade chapit la Kopi




Romafoɔ 2:8
34 Referans Kwoze  

Kuro kɛseɛ he mu paee mmeɛnsa, na amane nyinaa nkuro akɛseɛ sɛesɛee. Nyankopɔn kaee Babel kɛseɛ he maa ɔnom nsa a ano ɔdene he, firii ne kuruwa ano.


Na berɛ aduru sɛ bebu atɛne, na Nyankopɔn nkurofoɔ ne bebedi kane abu bɛ atɛne. Na sɛ befiti aseɛ ya yɛ so a, mmɛ kwane so ne ɔbɛfa akɔ bɛ a bɛnnye Asɛmpa a ofiri Nyankopɔn nkyɛne he nni he nkyɛne?


na bɛatɔ bɛ a bennim Nyankopɔn na bɛantie yɛ Awurade Yesu ho asɛmpa he so werɛ.


he ankasa bɛnom Nyankopɔn abufuo nsa korɔgyee a bɛahwie agu n’abufuo kuruwa mu he bi. Bɛ a bɛbɛyɔ saa he nyinaa, bɛbɛhyɛ no aniɔyeyaa gya ne sɔfe mu, abɔfoɔ ne Adwamaa he anim.


Gyidie nti ne bɛfrɛɛ Abraham sɛ ontu nkɔ baabi a daakye bɛde bɛ ma no sɛ n’agyapadeɛ he, ɔyɔɔ setie kɔeɛ berɛ a na onnim baabi a na ɔɔkɔ he.


na mmom atemmuo a ohu akwanhwɛ, ne abufuo gya a ɔbɛhye Nyankopɔn atamfoɔ pasaa he ne ya hɔ ma yɛ.


na owiee pɛyɛ he, ɔbɛyɛɛ daa nkwa farebae maa bɛ a bɛyɛ setie ma no he nyinaa,


Twe wo ho firi akyinnye hunu, ananasɛm, akasakasaa ne ntɔkwa a ɔfa mmara he ho, efiri sɛ, mfasoɔ nni so na ɔyɛ nnoɔma hunu.


Na sɛ bi pɛ sɛ ɔgye yei ho akyinnye a, me deɛ nea mewɔ ka ne sɛ, yɛ deɛ yemmu saa bra he, na Nyankopɔn asafo ahodoɔ he nso nyɔ saa.


Nti menhyɛ me ho nka asɛm biaa gye nea Kristo nam me so ayɔ ama Amanamane mufoɔ setie ya asɛm ne adwuma mu


Nso nyɛ bɛ nyinaa ne bɛayɔ setie ama asɛmpa he; efiri sɛ Yesaia dɛ, “Awurade, hwane ne agye yɛ asɛm adi?”


Na sɛ, Nyankopɔn pɛ sɛ ɔda n’abufuo adi na ɔma behu ne tumi, nso ɔde abodwokyɛre bebree kura abufuo adeɛ a ɔda hɔ ma ɔsɛe he mu a;


Nso yɛda Nyankopɔn ase sɛ, hoayɛ bɔne nkoa da, na hofiri akomam abɛyɛ setie ama nkyerɛkyerɛ a bɛde hyɛɛ ho nsa,


Na Nyankopɔn abufuo ayi adi atia bɛ a bɛde nnoɔma a ɔntene ne amumuyɔ berɛ nɔkorɛ he ase nyinaa.


Saa nso ne ho, ayerenom, ɔsɛ sɛ hobrɛ ho ho ase ma ho kununom sɛnea ɔbɛyɛ a sɛ bɛ mu bi nnye asɛm he nni a, ho subane pa he bɛtwetwe no ama no agye asɛm he adi,


Na mesuro sɛ, sɛ meba a, memmɛto ho sɛnea mepɛ; na menso honhu me sɛnea hopɛ; mesuro sɛ ebia na ntɔkwa, ahoɔyeyaa, abufuo, asinkane, nsekuro, wesewese, ahantan ne sakasakayɛ ya ho mu.


abosonsom, adutoɔ, tane, akayɔ, ahoɔyeyaa, abufuo, atutupɛ, kunsumkunsum, mpaepaemu,


na binom nso de pɛsɛmenkomenya ne bɔ Kristo dini, omfiri akoma pa mu, na bɛ adwene ne sɛ bɛbɛma ahohia aba me so, me mpokyerɛ yi mu.


Honnnyɔ bibiaa pɛsɛmenkomenya ne animuonyamhunupɛ mu, na mmom homfiri ahobrɛaseɛ mu mmu afoforɔ te sɛ bɛkyɛne ho.


Nso sɛ ahoɔyeya dendenndene ne pɛsɛmenkomenya ya ho akoma mu a, honnhoahoa ho ho na honnni torɔ ntia nɔkorɛ he nso.


Na baabi a anibereɛ ne pɛsɛmenkomenya ya he, hɔ nso ne basabasa ne bɔne nyinaa bi ya.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite