Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Romafoɔ 2:7 - Apam Foforɔ

7 bɛ a bɛde ntoboaseɛ yɔ papa hwehwɛ animuonyam ne anidie ne nea ɔmporɔ he, ɔbɛma bɛ daa nkwa;

Gade chapit la Kopi




Romafoɔ 2:7
38 Referans Kwoze  

Nea oguu asaase pa mu he, yɛ bɛ a bɛde akoma pa tie asɛm he wie a, bekura mu na bɛde boasetɔ so aba.


Na afei ɔnam yɛ Agyenkwa Yesu Kristo ahoyie he so ada no adi. Ɔno ne wasɛe wuo tumi, na ɔnam asɛmpa he so ayi nkwa ne adeɛ a ɔmporɔ adi pefee.


Nti anuanom adɔfoɔ, hontintim, honnhinhim, honkɔ so Awurade adwuma mu daa, efiri sɛ, honim sɛ, ho brɛ ɔnyɛ kwa Awurade mu.


Na bɔne akatua a ne wuo, nso Nyankopɔn adom akyɛdeɛ ne daa nkwa a ɔya Awurade Kristo Yesu mu.


Bɛne Nyankopɔn ayi bɛ sɛ benhu sɛnea n’ahintasɛm yi animuonyam kɛseɛ he bɛda adi amanamane mufoɔ mu, ɔno ne Kristo a ɔya ho mu a ɔyɛ animuonyam anidasoɔ he.


Nti hommma yɛmmerɛ papayɔ mu, na sɛ yɛampa aba a, yɛbɛtwa so aba ne berɛ mu.


Menim sɛ yentumi mfa wiase yi mu amanehunu ntoto animuonyam a bɛde bɛhyɛ yɛ daakye wiase he mu he ho.


nso animuonyam ne anidie ne asomdwie bɛba biaa a ɔyɔ papa so, Yudani kane, na afei Helani nso,


Na yei ne wahyɛ yɛ ho bɔ he, nkwa a onni awieeɛ he.


na sɛ ɔnam saa kwane he so da n’animuonyam ahonya adi ma mmɔborɔhunu adeɛ a wasiesie ato hɔ dadaada ma animuonyam a—


Hobɛyɔ dɛ na hoagye adi berɛ a hogye animuonyam firi hoaa ho ho, na honnye animuonyam mfiri Nyankopɔn korɔ he nkyɛne?


Nti Abraham de ntoboaseɛ twene saa he, bɔhyɛ he baa mu maa no.


na hoannyɛ nyaa, na mmom hoasua bɛ a bɛnam gyidie ne aboterɛ so nyaa bɔhyɛ he.


Na yeinom befiri hɔ akɔ daa asotwe mu, na ateneneefoɔ he bɛkɔ daa nkwa mu.”


Sɛ honya boasetɔ a, hobenya ho kra.


Nea otwa he ɔɔgye akatua dada na ɔɔboaboa aba ano akɔ daa nkwam; na nea oduaeɛ ne nea otwaeɛ nyinaa ani agye abom.


Saa ne awufoɔ sɔreeɛ teɛ. Bedua no porɔeɛ, obenyane deɛ ɔmporɔ mu.


Anuanom, deɛ meeka ne sɛ: honam ne mogyaa ntumi nya Nyankopɔn ahennie, saa ne deɛ ɔporɔ ntumi nya deɛ ɔmporɔ.


Adom nka bɛ a bɛde dɔ a ɔnsa da dɔ yɛ Awurade Yesu Kristo nyinaa.


Anidie ne animuonyam nka Nyankopɔn daa daa, mekyerɛ daa mmeresantene Hene a onnwu da, na bennhu no a ɔno nkoaa ne Nyankopɔn trodoo he. Amen!


Woyɔɔ no sɛ bi a aka kakra bi na ɔne abɔfoɔ ayɛ pɛ; wode animuonyam ne anidie abɔ no abotire,


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite