Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Romafoɔ 2:6 - Apam Foforɔ

6 efiri sɛ obetua biaa ka sɛnea biaa nnwuma teɛ:

Gade chapit la Kopi




Romafoɔ 2:6
25 Referans Kwoze  

Na ɔsɛ sɛ yɛ nyinaa yɛkogyina Kristo atemmuo adwa he anim, na biaa anya n’akatua nea ɔde ne nnipadua yɔɔeɛ ho, sɛ ɔyɛ papa anaa bɔne.


“Na Nipa Ba he de n’abɔfoɔ bɛba n’Agya animuonyam mu, na obetua nipa biaa ka sɛdeɛ n’adwuma teɛ.


“Hwɛ! Ɔnkyɛre koraa mɛba! Na mekita m’akatua sɛ mede bra biaa sɛnea n’adwuma teɛ.


Na mehuu awufoɔ akɛseɛ ne nketewa sɛ begyinagyina ahennwa he anim. Bebiebiee nwoma bebree mu, na bebiee nwoma foforɔ bi a ɔyɛ nkwa nwoma he mu. Bebuu awufoɔ he atɛne, sɛnea bɛ nnwuma teɛ, ne sɛnea bɛatwerɛ ya nwoma ahoroɔ he mu he.


Nea odua ne nea ogugu so nsuo nyinaa wɔ botaeɛ baako, na biaa benya akatua sɛnea n’adwuma teɛ,


Afei, meku n’akyidifoɔ he, na asafo he nyinaa behu sɛ mene deɛ ɔhwehwɛ adwene ne akoma mu. Metua ho mu biaa ka sɛnea ne nwuma teɛ.


Nti mpɛ ntɛm mmu atɛne ansa na berɛ he aso, ansa na Awurade aba, ɔno ne de nnoɔma a ahinta sum mu bɛba hann mu na wayi akoma mu botaeɛ adi, ansa na ɔde biaa abasobɔ ama no.


Gyidie a wowɔ he, ma ɔnyɛ sɛnea w’ahonim teɛ Nyankopɔn anim. Nhyira ne nea a ɔmma nea wasi ho gyinaeɛ he mmu ne fɔ.


Nti ɔnyɛ nwanwa sɛ n’asomafoɔ nso bɛyɛ bɛ ho sɛ nɔkorɛ asomafoɔ. Bɛ nnwuma ne bɛkyerɛ bɛ awieeɛ.


Aleksandro, kɔɔbere dwumfoɔ he, yɛɛ me bɔne bebree. Awurade betua no ka sɛnea ne nwuma teɛ.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite