5 Nso w’akoma pirim ɔne sesa a wompɛ sɛ wosesa nti, wooboaboa Nyankopɔn abufuo ano ama wo ho ama abufuo da he, berɛ a Nyankopɔn atemmuo a ɔtene he beyi ne ho adi;
Na abɔfoɔ a bɛtraa bɛ tumi, na begyaa bɛ atenaeɛ he, bɛde daa nkɔnsɔnkɔnsɔn agugu bɛ ya sum kabii mu a Nyankopɔn de bɛ asie ɔɔtwɛne da kɛseɛ he atemmuo.
Nso soro ne asaase a ɔya hɔ seesei yi deɛ, bɛnam Nyankopɔn asɛm heaa so ɔɔkora ama gya asɛe no. Bɛɛkora ama da a bebebu nnebɔnyɛfoɔ atɛne na bɛasɛe bɛ he.
ɔsane hyɛɛ da foforɔ berɛ a ɔkaa berɛ tentenntene akyi ya David dwom mu sɛ, “Nnɛ”, he; sɛnea bɛaka dada sɛ, “Nnɛ, sɛ hote ne nne a, hommpirim ho akoma.”
Nti, anuanom, mepɛ sɛ hote saa ahintasɛm yi ase, na hoammu ho ho anyansafoɔ ho ankasa ho ani so: akomapirim bi aba Israelfoɔ bi so, kosi sɛ Amanamane mufoɔ bebree bɛba mu.