Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Romafoɔ 2:16 - Apam Foforɔ

16 da a Nyankopɔn a ɔnam Yesu Kristo so, bebu nnipa nyinaa kokoam nsusuiɛ atɛne sɛnea asɛmpa a maka he teɛ.

Gade chapit la Kopi




Romafoɔ 2:16
31 Referans Kwoze  

Nti mpɛ ntɛm mmu atɛne ansa na berɛ he aso, ansa na Awurade aba, ɔno ne de nnoɔma a ahinta sum mu bɛba hann mu na wayi akoma mu botaeɛ adi, ansa na ɔde biaa abasobɔ ama no.


efiri sɛ waayi da bi asi hɔ a wabɔ ne tim pɔ sɛ ɔnam beema bi a wayi no so bebu wiase atentenee mu, na wanyane no afiri awufoɔ mu de ayɔ nnyinasodeɛ ama nnipa nyinaa.”


Ɔhyɛɛ yɛ sɛ yɛnka nkyerɛ mane he na yenni adanseɛ sɛ ɔno ne Nyankopɔn ayi no sɛ ateasefoɔ ne awufoɔ nyinaa temmufoɔ.


Bibiaa nni hɔ a ahinta a ɔɔnna adi, na bibiaa nni hɔ a bɛakata so a benhu na ɔɔmma petee mu.


Nso bebebu bɛ ho nkonta akyerɛ Nyankopɔn a wasiesie ne ho bu ateasefoɔ ne awufoɔ atɛne he.


Daabi da! Saa deɛ a mmɛ kwane ne Nyankopɔn bɛfa so abu wiase atɛne?


hedeɛ na Awurade nim kwane a ɔbɛfa so agye n’akyidifoɔ afiri haw mu, na wama bɛatwe bɛ a bɛntene aso de akosi atemmuo da he,


Afei mehyɛ wo Nyankopɔn ne Kristo Yesu a obebu ateasefoɔ ne awufoɔ atɛne n’ahoyie ne n’ahennie mu he anim sɛ:


Kae Yesu Kristo a ɔsɔre firii awufoɔ mu a ɔyɛ Dawid aseni he, sɛdeɛ m’asɛmpa a meka he teɛ;


Sɛnea ɔne nhyira Nyankopɔn he animuonyam asɛmpa a ɔde hyɛɛ me nsa he teɛ he.


Afei Nyankopɔn a otumi hyɛ ho dene sɛnea m’asɛmpa he teɛ ne Yesu Kristo ho asɛnka, sɛnea adiyie ahintasɛm a bɛde siee teteete


Nea ɔpo me na ɔnnye me nsɛm he wɔ temmufoɔ baako. Nsɛm a maka heaa ne bebu no atɛne da a odi akyire he mu,


Na sɛdeɛ ɔda hɔ sɛ nipa bewu prɛko, na wuo he akyi atemmuo ya hɔ he,


Afei nea aka a ɔsɛ sɛ me nsa ka ne tenenee abotire a Awurade, temufoɔ a ɔtene he de bɛma me Da he, ɔnyɛ me nko na mmom bɛ a bɛdɔ n’ahoyie nyinaa nso.


Na ɔsɛ sɛ yɛ nyinaa yɛkogyina Kristo atemmuo adwa he anim, na biaa anya n’akatua nea ɔde ne nnipadua yɔɔeɛ ho, sɛ ɔyɛ papa anaa bɔne.


Nso w’akoma pirim ɔne sesa a wompɛ sɛ wosesa nti, wooboaboa Nyankopɔn abufuo ano ama wo ho ama abufuo da he, berɛ a Nyankopɔn atemmuo a ɔtene he beyi ne ho adi;


“Na Nipa Ba he de n’abɔfoɔ bɛba n’Agya animuonyam mu, na obetua nipa biaa ka sɛdeɛ n’adwuma teɛ.


Anuanom, mepɛ sɛ hohu sɛ, asɛmpa a meka kyerɛɛ ho he mfiri nnipa hɔ ne baeɛ;


Anuanom, afei mepɛ sɛ ho hu sɛ, asɛmpa a mepae mu ka kyerɛɛ ho a ho nso hogyeɛ na hogyina mu nso he,


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite