Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Romafoɔ 2:12 - Apam Foforɔ

12 Dodoɔ a benni mmara na bɛyɔɔ bɔne he, bɛbɛkwati mmara he nso ayera, na bɛ a bɛya mmara ase na bɛyɔɔ bɔne nyinaa bɛde mmara he bebu bɛ atɛne.

Gade chapit la Kopi




Romafoɔ 2:12
23 Referans Kwoze  

Bɛ a benni mmara he meyɛɛ me ho sɛ menni mmara he ase maa bɛ (ɔnyɛ sɛ menni mmara Nyankopɔn anim, nɔkwasɛm ne sɛ, mehyɛ Kristo mmara ase) sɛdeɛ ɔbɛyɔ a mɛgye bɛ a benni mmara he.


Biaa a ɔde ne ho to mmara nnwuma he so he hyɛ nnome ase; efiri sɛ bɛatwerɛ sɛ, “Nnomee ne nipa biaa a onni nea bɛatwerɛ no mmara nwoma mu he nyinaa so na ɔmfa nni dwuma.”


Na Nyankopɔn ayɔ nea mmara he antumi anyɔ, ɔne sɛ ɔnam honam mmerɛyɛ nti ɔsomaa ɔnoaa ne Ba, honam subane mu maa no bɛyɛɛ nipa te sɛ yɛ nnipa adebɔneyɛfoɔ yi sɛ ɔne bɔne nni asie, na odii bɔne so nkunim honam mu,


Benim Nyankopɔn ahyɛdeɛ, sɛ bɛ a bɛyɔ saa bɔne yi nyinaa fata wuo, nso nyɛ ne yɔ nkoaa ne bɛyɔeɛ na mmom bɛfoaa bɛ a bɛyɔ saa nso so.


Na meeka akyerɛ ho sɛ, atemmuda he, bebehu Sodom asaase mmɔbɔ akyɛne ho.”


Na sɛ bi di mmara mũ he nyinaa so na ɔto baako a, waadi mmara he nyinaa ho fɔ,


efiri sɛ mmara he twetwe Nyankopɔn abufuo ba; na sɛ mmara nni hɔ a, mmarato biaa nso nni hɔ.


Meeka akyerɛ ho, atemmuda he, bebehu Tiro ne Sidon mmɔbɔ akyɛne ho.


Nso twerɛsɛm he da no adi sɛ nnoɔma nyinaa hyɛ bɔne tumi ase, na ama bɔ a bɛnam Yesu Kristo mu gyidie so ahyɛ he aba bɛ a bɛgye di he so.


Yesu buaa sɛ, “Sɛ bɛamfa amfiri soro amma wo a wonnya me so tumi biaa. Ɔno nti nea oyii me maa wo he bɔne so paa.”


ɔnoaa ne ɔnam Nyankopɔn nhyehyɛeɛ ne ne nim a onim dada so yii no maeɛ he, na hofaa no, nam bɛ a benni mmara nsa so bɔɔ no asennua mu kuu no.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite