Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Romafoɔ 2:10 - Apam Foforɔ

10 nso animuonyam ne anidie ne asomdwie bɛba biaa a ɔyɔ papa so, Yudani kane, na afei Helani nso,

Gade chapit la Kopi




Romafoɔ 2:10
45 Referans Kwoze  

na ama bɛahu sɛ ho gyidie he yɛ kann, na ɔsombo kyɛne sikakɔkɔɔ mpo. Sikakɔkɔɔ a betumi sɛe no he mpo, bɛde gya sɔ hwɛ, nti ho gyidie a ɔsom bo kyɛne sikakɔkɔɔ he, ɔsɛ sɛ bɛsɔ hwɛ hu sɛ, obetumi agyina anaa. Ɔno akyi ansa na da a Yesu Kristo bɛba he, hoanya animuonyam.


Ho mu hwane ne yɛ nyansafoɔ ne nimdefoɔ? Ma no mfa n’abrabɔ pa nkyerɛ sɛ ɔdwo, na ofiri nyansa mu ne yɔ ne nnwuma.


Nea ɔde n’adwene si honam nnoɔma so he kɔ wuom, na nea ɔde n’adwene si honhom nnoɔma so he nya nkwa ne asomdwie.


bɛ a bɛde ntoboaseɛ yɔ papa hwehwɛ animuonyam ne anidie ne nea ɔmporɔ he, ɔbɛma bɛ daa nkwa;


ama bɛ a bɛtete sum ne wuo sunsum ase he anya hann, na wagye yɛ taataa akɔ asomdwie kwane so.”


Woahu sɛ ne gyidie ne ne nnwuma nyinaa bom yɔɔ adwuma, na gyidie nam nnwuma so wiee pɛyɛ.


Na Kristo Yesu mu he, gyidie a ɔnam dɔ so yɔ adwuma nkoaa ne hia, na ɔnyɛ twetia bɛatwa bi anaa bentwaa no he ne hia.


Afei ɔnam sɛ bɛabu yɛ bem gyidie mu nti, yɛnam yɛ Awurade Yesu Kristo so anya asomdwie Nyankopɔn mu,


Na ahohiahia ne ahokyerɛ bɛba biaa a ɔyɔ bɔne so, Yudani kane, na afei Helani nso,


Maaka yeinom nyinaa akyerɛ ho sɛ ɔbɛyɛ a hobenya asomdwie me mu. Hobehyia taa wiase mu. Nso homma ho bo ntɔ ho yam; na maadi wiase so nkunim dada!


Na Nyankopɔn asomdwie a ɔboro nteaseɛ nyinaa so he bɛbɔ ho akoma ne ho adwene ho bane, Kristo Yesu mu.


Nso Honhom aba he deɛ, ɔno ne dɔ, anigyeɛ, asomdwie, abodwokyɛre, ayamyɛ, papayɔ, gyidie,


Anidasoɔ Nyankopɔn ankasa nhyɛ ho ma anigyeɛ ne asomdwie nyinaa mu gye a hoogye adi ho, sɛnea ɔbɛyɛ a hobɛboro so anidasoɔ nyinaa mu Honhom Kronkron tumi mu.


efiri sɛ Nyankopɔn ahennie he mfa adidie ne nom ho, na mmom ne nyinasoɔ ne tenenee ne asomdwie ne Honhom Kronkron mu anigyeɛ.


na sɛ ɔnam saa kwane he so da n’animuonyam ahonya adi ma mmɔborɔhunu adeɛ a wasiesie ato hɔ dadaada ma animuonyam a—


Nwonfoɔ nni tumi nɛteɛ so, sɛ ɔde nɛteɛ korɔ heaa bi bɛyɔ bibi a anidie yam na foforɔ so nea anidie nnim?


na mmom mane biaa mu he, nipa a osuro no na ɔyɔ adetenenee he, ɔgye no tom.


Sɛ bi yɛ me somfoɔ a ma no nni m’akyi, na baabi a meya he, hɔ ne me somfoɔ bɛba; na sɛ bi som me a, m’Agya bedi no ni.


Berɛ he duruiɛ he, ɔkɔtenaa didipono ho a na asomafoɔ he ka ne ho.


kaa sɛ, “Sɛ wo, nnɛ nka wonim nea ɔfa asomdwie ho a, nka ɔyɛ, nso bɛde ahinta wo seesei;


Nhyira ne nkoa a bɛ wura he bɛba abehu bɛ sɛ begu so ɔɔwɛne! Nɔkorɛ, meeka akyerɛ ho sɛ, ɔbɛbɔ n’abɔsoɔ, na wama bɛatenatena didipono ho na waba abɛsom bɛ.


na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Biaa a ɔbɛgye abɔfra yi me dini mu he, na waagye me nso, na biaa a ɔbɛgye me he, na waagye nea ɔsomaa me he nso. Na nea ɔyɛ ne ho kumaa ya ho nyinaa mu he, ɔno ne bɛyɛ kɛseɛ paa.”


Sɛ fie hɔfoɔ gye ho a, homma ho asomdwie mmra bɛ so; na sɛ bɛannye ho a, homma ho asomdwie nsane mmra ho nkyɛne.


Na sɛ Dwanhwɛfoɔ panyini he ba a, bɛbɛma ho animuonyam ahenkyɛ a ɔnnsɛe da.


Asomdwie ne mede oogya ho, m’asomdwie ne mede ɔɔma ho, nyɛ sɛnea wiase de ma ho he ne mede ɔɔma ho. Hommma ho akoma ntutu, na hommɔ hu nso.


Anidie ne animuonyam nka Nyankopɔn daa daa, mekyerɛ daa mmeresantene Hene a onnwu da, na bennhu no a ɔno nkoaa ne Nyankopɔn trodoo he. Amen!


Woyɔɔ no sɛ bi a aka kakra bi na ɔne abɔfoɔ ayɛ pɛ; wode animuonyam ne anidie abɔ no abotire,


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite