Yeinom ne nnipa a bɛamfa adwamammɔ angu bɛ ho fi, na bɛyɛ mmabunu. Baabiaa a Adwamaa he bɛkɔ he, na bedi n’akyi. Bɛagye bɛ nkwa afiri nnipa mu, na bɛne nnipa a bedi kane a bɛde bɛ ama Nyankopɔn ne Adwamaa he.
Paulo a ɔnam Nyankopɔn pɛ so ne bɛayi no sɛ Kristo Yesu somafoɔ, ɔne yɛ nua Timoteo, twerɛ krataa yi de kɔma Nyankopɔn asafo a bɛya Korinto ɔne ahoteefoɔ nyinaa a bɛya Akaia mane nyinaa mu.
Afei sɛ dua aba a odi kane a bɛde bɔɔ afɔdeɛ he yɛ kronkron a, aba mu he nyinaa nso yɛ kronkron; na sɛ ne nhini he yɛ kronkron a, ne mmane he nso nyinaa bɛyɛ kronkron.
Afei esiane sɛ na ɔpɛ sɛ otware kɔ Akaia nti, agyidifoɔ he hyɛɛ ne nkurane, na bɛtwerɛɛ krataa kɔmaa asuafoɔ he srɛɛ bɛ sɛ bɛnnye no fɛ so. Nti berɛ a oduruu hɔ he, ɔboaa bɛ a bɛnam Nyankopɔn adom so agye adi he paa,