Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Romafoɔ 16:10 - Apam Foforɔ

10 Honkyea Apele, a ɔsɔ ani Kristo mu. Honkyea bɛ a befiri Aristobulo abusua mu.

Gade chapit la Kopi




Romafoɔ 16:10
15 Referans Kwoze  

Na nea ɔsom Kristo saa kwane so he ɔno ne sɔ Nyankopɔn ani na nnipa gye no tom.


na ama bɛahu sɛ ho gyidie he yɛ kann, na ɔsombo kyɛne sikakɔkɔɔ mpo. Sikakɔkɔɔ a betumi sɛe no he mpo, bɛde gya sɔ hwɛ, nti ho gyidie a ɔsom bo kyɛne sikakɔkɔɔ he, ɔsɛ sɛ bɛsɔ hwɛ hu sɛ, obetumi agyina anaa. Ɔno akyi ansa na da a Yesu Kristo bɛba he, hoanya animuonyam.


Na bɛnsɔ bɛ nhwɛ na sɛ bɛannya bɛ ho asɛm biaa anka a, ma bɛnsom sɛ asafo mu asomfoɔ.


Na Timoteo mudie deɛ, honim, sɛdeɛ ɔne me asom asɛmpa adwuma he mu sɛ agya ne ne ba.


Na yɛasoma yɛ nua a yɛasɔ no ahwɛ sɛ ɔyɛ mmɔdemmɔfoɔ nnoɔma bebree mu he aka bɛ ho, na afei awerɛhyɛmu a ɔwɔ no ho mu nti, ɔma ne mmɔdemmɔ a ɔbɔ seesei he boro so.


Yei nti ne metwerɛɛ saa krataa yi, sɛ meesɔ ho ahwɛ na mahu sɛ hoyɔ setie nnoɔma nyinaa mu anaa.


Ɔkame ayɛ sɛ, ɔsɛ sɛ nkyekyemu ba ho mu, na ama bɛ a bɛyɛ agyidifoɔ mapa he ada adi ho mu.


Mekyea Priska ne Akwila ne Onesiforo fiefoɔ.


Na afei sɛ nea ɔnyanee Yesu firii awufoɔ mu he Honhom te ho mu a, hedeɛ deɛ ɔnyanee Kristo firii awufoɔ mu he bɛma ho nnipadua a owu he nkwa ɔnam ne Honhom a ɔte ho mu he nti.


Honkyea Priska ne Akwila, bɛ a bɛ ne meyɔ adwuma Kristo Yesu mu,


Honkyea Androniko ne Yunia, m’abusuafoɔ a na bɛka me ho afiase; bɛ a bedi mu asomafoɔ he mu, na bɛya Kristo mu ansa na meeba.


Nti sɛ bi ya Kristo mu a, ɔyɛ abɔdeɛ foforɔ: nnoɔma dadaa he nyinaa atwam; hwɛ, nnoɔma nyinaa ayɛ foforɔ!


Menim nipa bi a ɔya Kristo mu a mfie dunan a atwam yi behwimm no kɔɔ soro a ɔtɔ so mmeɛnsa he mu, sɛ yei sii honam mu oo, sɛ ansi honam mu oo, mennim; Nyankopɔn nkoaa ne nim.


Na nnipa bebree a na bɛya Kristo mu Yuda asafo mu he, na benhuu m’anim da;


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite