Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Romafoɔ 15:5 - Apam Foforɔ

5 Boasetɔ ne awerekyekyerɛ Nyankopɔn he mma ho ntena asomdwie mu, sɛnea ɔfata Kristo Yesu,

Gade chapit la Kopi




Romafoɔ 15:5
23 Referans Kwoze  

N’awieeɛ ne sɛ, ho nyinaa hontena ase asomdwie mu. Honnya tema mma ho ho ho ho. Honnodɔ ho ho ho ho, na honyɛ ahummɔborɔ, na hommrɛ ho ho ase.


Ho ne nnipa nyinaa ntena asomdwie mu; honnnyɛ ahantan, na mmom ho ne ahobrɛaseɛfoɔ nante; honnyɛ ahomasoɔ.


na hontena dɔ mu, sɛnea Kristo dɔɔ yɛ na ɔde ne ho maeɛ sɛ ayɛyɛdeɛ ne afɔrebɔdeɛ a oohwam ma Nyankopɔn, ɔnam yɛ nti.


Afei, nea otwa toɔ, me nuanom, makra ho. Honyɛ pɛ, honkyekyere ho ho ho ho werɛ, honnya adwene korɔ, hontena asomdwie mu, na dɔ ne asomdwie Nyankopɔn bedi ho akyi.


Anidasoɔ Nyankopɔn ankasa nhyɛ ho ma anigyeɛ ne asomdwie nyinaa mu gye a hoogye adi ho, sɛnea ɔbɛyɛ a hobɛboro so anidasoɔ nyinaa mu Honhom Kronkron tumi mu.


Afei anuanom, menam yɛ Awurade Yesu Kristo dini so ootu ho fo sɛ, ho nyinaa honya adwene korɔ; na hommma mpaepaemu mma ho mu, na mmom honka mmom adwene korɔ mu ne nsusuiɛ korɔ mu.


Metu Euodia ne Sintike fo sɛ benya adwene korɔ Awurade mu.


homma m’anigyeɛ nwie pɛyɛ: honnya adwene korɔ ne dɔ korɔ, hontena koroyɛ mu na honya botae korɔ.


Deɛ ɔsɛ ho ne sɛ, hobɛbɔ ho bra ama no afata Kristo asɛmpa he, na sɛ meba behu ho oo, sɛ mamma oo, mate sɛ hogyina pintinn honhom korɔ mu, a hode adwene korɔ, na biaa ɔɔyɔ ne fam deɛ ama asɛmpa gyidie he,


Na honkae sɛ Awurade boasetɔ he kyerɛ nkwagyeɛ te sɛ nea yɛ nua Paulo nam nyansa a Nyankopɔn de maa no he so twerɛɛ ho he,


Deɛ ohia ne sɛ yebekura deɛ yɛanya he mu dene.


Na afei bɛ a bɛgye diiɛ he mu bebree akoma ne bɛ kra yɛɛ baako, na bɛ mu biaa nka sɛ ne nnoɔma a ɔwɔ yɛ ɔno nkoaa ne dea, na mmom bɛ nnoɔma nyinaa yɛ kwasafodeɛ.


Awurade ntwentwɛne ne nane ase ne bɔ a wahyɛ ho sɛnea binom dwene he. Na nea ɔteɛ ne sɛ, ɔwɔ ho ho boasetɔ, efiri sɛ, ɔmpɛ sɛ biaa bɛyera, na mmom ɔpɛ sɛ biaa nya adwensakra.


efiri sɛ Kristo ammɛsɔ ɔnoaa ankasa ani; na mmom, sɛnea bɛatwerɛ sɛ, “Atɛm a bedii wo he abegu me so.”


a tete he bɛyɛɛ asoɔdenfoɔ, berɛ a Nyankopɔn abodwokyɛre twɛneeɛ, Noa nna a bɛɛyɔ adaka he mu. Yei mu ne akra kakraa bi a bɛyɛ nwɔtwe nyaa nkwa nsuo no mu.


Nso Nyankopɔn nam ba a ɔma Tito baa yɛ nkyɛne he so maa yɛ awerɛkyekyerɛ,


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite