Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Romafoɔ 15:3 - Apam Foforɔ

3 efiri sɛ Kristo ammɛsɔ ɔnoaa ankasa ani; na mmom, sɛnea bɛatwerɛ sɛ, “Atɛm a bedii wo he abegu me so.”

Gade chapit la Kopi




Romafoɔ 15:3
19 Referans Kwoze  

ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ setie de kosii wuo mu, ɛɛ! asennua so wuo mu mpo.


Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “M’aduane ne sɛ mɛyɔ nea ɔsomaa me he apɛdeɛ, na mawie n’adwuma.


efiri sɛ mefiri soro ne aba sɛ hobɛyɔ nea ɔsomaa me he apɛdeɛ, na ɔnyɛ m’ankasa me deɛ.


“M’ankasa mentumi mmɔ me tim nyɔ hwee. Nea mete heaa ne megyina so bu atɛne, na atɛne a mebu he tene, efiri sɛ menhwehwɛ nea m’ankasa mepɛ, na mmom nea ɔsomaa me he apɛdeɛ.


Na honim yɛ Awurade Yesu Kristo adom he, sɛ na ɔde ne ho adeɛ nyinaa mu deɛ, nso ho nti ɔgyaee ne nyinaa too hɔ, na ama ho abɛyɛ adefoɔ nnoɔma nyinaa mu.


Na nea ɔsomaa me he ka me ho, na onnyae me nko, efiri sɛ meyɔ nea ɔsɔ n’ani daa.”


Na ofirii hɔ kɔɔ ne mprenu so na ɔkɔbɔɔ mpaeɛ sɛ, “M’Agya, sɛ yei ntumi ntwa me ho na otwa sɛ menom a, ma wopɛ nyɛ hɔ.”


ɔdɔɔso ma suani sɛ ɔbɛyɛ sɛ ne kyerɛkyerɛni, anaa akoa sɛ ne wura. Sɛ bɛfrɛɛ fie he wura he Beelsebul a, mprɛ ahe ne bɛmfrɛ fie he mufoɔ saa bi!


Sɛ mannyɔ nnwuma a biaa nyɔɔ bi da bɛ mu a, nka bɛnnyɔɔ bɔne. Na afei deɛ bɛahu, nso bɛatane me ne m’Agya nyinaa.


Sɛ hodi m’ahyɛdeɛ so a, hobɛtena me dɔ mu, sɛnea madi m’Agya ahyɛdeɛ so na mete ne dɔ mu he.


Na ɔkɔɔ anim kakra he, ɔde n’anim kobutuu fam bɔɔ mpaeɛ sɛ, “M’Agya sɛ obetumi a, ma kuruwaa yi ntwam me ho, nso ɔnyɛ deɛ mepɛ na mmom deɛ wopɛ (ne nyɛ hɔ).”


Akorɔmfoɔ a bɛbɔɔ bɛ asennuam kaa ne ho he nso dii ne ho fɛw saa ara.


Honnya adwene a ɔya Kristo Yesu mu heaa bi;


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite