Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Romafoɔ 12:8 - Apam Foforɔ

8 fotufoɔ a, ma ontu fo; ɔma a, ma no mma no adɔeɛ mu; dikanfoɔ a, ma ɔmmɔ ne ho mmɔdene akannie mu; ahummɔborɔ a, ma ɔnyɔ no animteɛ mu.

Gade chapit la Kopi




Romafoɔ 12:8
57 Referans Kwoze  

Biaa mma sɛnea osusu no n’akomam, ɔnyɛ amemenemfe anaa hyɛ so, efiri sɛ Nyankopɔn dɔ nea ɔte n’anim ma.


Ma bɛmfa anidie a odi mu mma asafo mpanyimfoɔ a bedi asafo he so yie he, titire ne bɛ a bɛka asɛmpa na bɛkyerɛkyerɛ;


Na Nyankopɔn de binom asi asafo he mu, deɛ odi kane, Asomafoɔ, deɛ ɔtɔ so mmienu, adiyifoɔ, deɛ ɔtɔ so mmeɛnsa, akyerɛkyerɛfoɔ; ansa na tumideɛyɔ, ansa na ayaresa akyɛdeɛ, mmoa ahodoɔ, akannie ahodoɔ, kasa hodoɔ.


Homfa buo ne ahobrɛaseɛ ma ho mpayimfoɔ, efiri sɛ bɛwɛne ho kra sɛ bɛ a bebu ho akonta. Homma bɛmfa anigye nyɔ na ɔnyɛ ahomeguo so, sɛ bɛde ahomeguo a, ɔnyɛ mfasoɔ biaa mma ho.


Na Yuda ne Silas a na bɛ nso bɛyɛ adiyifoɔ he, kaa nsɛm pii de hyɛɛ bɛ nkurane na bɛhyɛɛ bɛ dene.


Bɛkenkanee mmara ne adiyifoɔ he badwam wieeɛ he, hyiadane mu mpanyimfoɔ he somaa nnipa kɔɔ bɛ nkyɛne sɛ, “Anuanom, sɛ howɔ nkuranhyɛsɛm bi ma nnipa yi a, honka.”


Honkyea ho mpayimfoɔ ne ahoteefoɔ he nyinaa ma me. Bɛ a befiri Italia he kyea ho.


Anuanom, metu ho fo sɛ honkura m’afotusɛm he mu, efiri sɛ m’atwerɛ no tiaa bi ne abra ho.


Honkae ho mpayimfoɔ, bɛ a bɛkaa Nyankopɔn asɛm he kyerɛɛ ho; honhwɛ sɛdeɛ bɛ abrabɔ wieeɛ, na honsua bɛ gyidie.


hommma yennyae yɛ ho yɛ ho nhyiamu, sɛdeɛ binom agyae bɛ ho bɛ ho nhyiamu he, na mmom homma yɛnhyehyɛ yɛ ho yɛ ho nkurane, ne titire mmerɛ a yehu sɛ Da he abɛne.


Sɛ bi wɔ pɛ sɛ ɔde bibi kyɛ nkoaa deɛ a, hedeɛ Awurade hwehwɛ sɛ ɔde nea ɔwɔ ne bɛkyɛ na mmom, ɔnyɛ nea onni.


Kwane bi so he, deɛ ɔhyɛ nkɔm he kasa ma nipa yiedie, afotuo ne awerɛkyekyerɛ.


Honhwɛ ho ho so yie, na honhwɛ nnipa a Honhom Kronkron he de ho ayɛ bɛ so nhwɛsofoɔ he, na honhwɛ Nyankopɔn asafo a ɔde ɔnoaa ne Ba mogyaa atɔ he so.


Berɛ a ɔkɔfaa mpɔtamu hɔ na ɔhyɛɛ bɛ nkurane pii he, ɔbaa Hela,


Nya mmerɛ ma twerɛsɛm kenkane, kasakyerɛ ne nkyerɛkyerɛ kosi sɛ mɛba.


Na ɔnam sɛ yɛpɛ ho asɛm yie nti, yɛpɛɛ sɛ anka ɔnyɛ Nyankopɔn asɛmpa he nkoaa ne yɛne ho bɛkyɛ, na mmom yɛne ho bɛkyɛ bibiaa a yɛwɔ mpo, efiri sɛ hoyɛ nnipa a hosom bo ma yɛ paa.


Na yɛ afutusɛm he mfiri nnaadaa anaa adwenfi mu, saa nso ne ɔnnam asisie so,


Nkoa, honyɔ setie mma ho asaase so wuranom adeɛ nyinaa mu, ɔnyɛ anisoɔ som mu sɛ bɛ a bɛpɛ sɛ bɛsɔ nnipa ani, na mmom akoma pa mu a ɔkyerɛ sɛ hosuro Awurade.


Nkoa, homfa suro ne ahopopoɔ nyɔ setie mma ho wuranom a bɛya asaase yi so, homfiri akoma pa mu, sɛnea hoyɔ setie ma Kristo he;


Nso mesuro sɛ, ebia, sɛdeɛ wɔ he de n’aniteɛ bɛdaadaa Hawa he, saa ara nso ne bɛbɛdane ho adwene afiri Kristo mu ahofama mapa a owie pɛyɛ he.


Esiane som yi ho adanseɛ nti, bɛhyɛ Nyankopɔn animuonyam ho setie a hode ka Kristo asɛmpa he nti, na afei ho yi ho yam yi ntoboa de kɔma bɛ ne nnipa nyinaa,


Na hobenya ho ho nnoɔma nyinaa mu ɔnam ho ayamyɛ kɛseɛ nti, na ɔnam yɛ so ama Nyankopɔn anya aseda;


Yei ne deɛ yɛde hoahoa yɛ ho a ahonim di ho adanseɛ, sɛ kronkronyɛ ne nɔkorɛdie a ofiri Nyankopɔn mu, a ɔnyɛ nipa nyansa, na mmom Nyankopɔn adom, na yɛde abɔ yɛ bra wiase, ne titire he kwane a yɛfaa so ne ho diiɛ he mu.


Yei nti ne ɔsɛ sɛ wo tua toɔ nso, efiri sɛ atumfoɔ yi yɛ Nyankopɔn asomfoɔ, na mane he som ti ne bɛya hɔ.


Hommoa ahoteefoɔ ma bɛ nsa nka bɛ ahiadeɛ; homma ho ani nye ahɔhoyɛ ho.


Na hene bebua bɛ sɛ, ‘Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, sɛ hoyɔ maa me nuanom nkumaa yi mu baako he, hoayɔ ama me nso.’


Afei berɛ a amrado he huu nea asi he, ɔgye diiɛ, efiri sɛ Awurade ho nkyerɛkyerɛ he yɛɛ no ahodwiri.


Nti Yosef a asomafoɔ he too ne dini Barnaba, a asekyerɛ ne Futufoɔ, Lewini a ofiri Kipro,


Berɛ a oduruu hɔ na ohuu Nyankopɔn adom he, odii ahurusie na ofiri aseɛ hyɛɛ bɛ nyinaa nkurane sɛ bɛnkɔ so mfa akoma a onhinhim ntena Awurade mu daa.


Ɔsɛ sɛ bɛyɔ papa, na bennya bɛ ho nnwuma pa fam; bɛ nsɛm ngo na bɛnkyɛ adeɛ fɛ so,


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite