Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Romafoɔ 12:6 - Apam Foforɔ

6 Yɛwɔ adom akyɛdeɛ a nsonsonoeɛ deda mu, sɛnea adom a bɛde adom yɛ he teɛ. Sɛ ɔyɛ nkɔmhyɛ a, ma no mfata sɛnea bɛasusu ho gyidie;

Gade chapit la Kopi




Romafoɔ 12:6
31 Referans Kwoze  

Menya a nka ho nyinaa hote sɛ me, nso biaa wɔ akyɛdeɛ sononko firi Nyankopɔn hɔ, bi wɔ yei, ne foforɔ nso wɔ yei.


Na menam adom a bɛde ama me he so, meeka akyerɛ ho sɛ, ho mu biaa mmu ne ho ntra sɛnea ɔsɛ sɛ obu ne ho, na mmom, biaa nya anidahɔ adwene, sɛnea Nyankopɔn asusu gyidie ama ho he.


Na m’ani agyina sɛ mehu ho sɛnea ɔbɛyɛ a metumi ne ho akyɛ honhom adom akyɛdeɛ bi ama ahyɛ ho dene,


Na sɛ mewɔ nkɔmhyɛ tumi, na meyɔ ahintasɛm ne nimdeɛ nyinaa mu nteaseɛ, na mewɔ gyidie nyinaa ma metumi tutu mmepɔ, na menni dɔ a, mensɛ hwee.


Akyɛdeɛ a ɔde maa yɛ he bi ne sɛ waama binom ayɛ asomafoɔ, binom nkɔmhyɛfoɔ, binom asɛmpakafoɔ, binom ahwɛfoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ,


Honhwehwɛ dɔ akyi kwane na hommɔ honhom akyɛdeɛ ho mmɔdene, na ne titire honhwehwɛ sɛ hobetumi ahyɛ nkɔm.


Sɛ bi wɔ pɛ sɛ ɔde bibi kyɛ nkoaa deɛ a, hedeɛ Awurade hwehwɛ sɛ ɔde nea ɔwɔ ne bɛkyɛ na mmom, ɔnyɛ nea onni.


Hommu adiyisɛm sɛ adehunu,


Homma adiyifoɔ mmienu anaa mmeɛnsa nkasa, na nkaeɛ he nkari adiyie he nhwɛ.


Na Yuda ne Silas a na bɛ nso bɛyɛ adiyifoɔ he, kaa nsɛm pii de hyɛɛ bɛ nkurane na bɛhyɛɛ bɛ dene.


Nyankopɔn dɛ: ‘Nna a odi akyire he mu he, mehwie me Honhom agu honam nyinaa so, na ho mma mmeema ne ho mma mmaa ahyɛ nkɔm, na mmabunu anya anisoadehunu, na ho mpanyini asõsõ adaeɛ.


Nti homma yɛ a yɛanyini honhom mu he nya saa adwene korɔ heaa bi; na sɛ hokura adwene foforɔ bi a, yei nso Nyankopɔn beyi no adi akyerɛ ho.


Mmerɛ bi a atwa mu he woanyi saa ahintasɛm yi adi ankyerɛ nipa biaa, sɛnea nnɛ ɔnam Honhom he so abɛda no adi akyerɛ n’asomafoɔ ne adiyifoɔ kronkron he:


Antiokia asafo he mu he, na adiyifoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ ya mu, Barnaba ne Simeon a bɛfrɛ no Niger he, ne Lukio a ofiri Kirene, ne Manaen a bɛtetee ɔne Herode a ɔyɛ mantam sodifoɔ he, ne Saulo.


Yei nti na Nyankopɔn nyansa nso kaa sɛ, ‘Mɛsoma adiyifoɔ ne asomafoɔ akɔ bɛ nkyɛne, na bebeku bɛ mu binom ataa binom.


Nti meesoma adiyifoɔ, anyansafoɔ ne atwerɛfoɔ, na hobeku binom na hobɛtwa binom mmaa ho hyiadane mu na hoataa bɛ afiri kuro so akɔ kuro so,


Na sɛ ho nyinaa hohyɛ nkɔm na nea ɔnye nni anaa nipa foforɔ bi ba hɔ a, nkɔm a hohyɛ he ma ne tiboa bu no fɔ; na ho bɛma n’ani aba ne ho so.


Na ɔwɔ mma mmaa nnan bi a bɛnwareeɛ a na bɛyɛ nkɔmhyɛfoɔ.


Na Apolo ne hwane? Paulo [nso] ne hwane? Bɛyɛ asomfo a honam bɛ so bɛgye diiɛ, sɛnea Awurade de maa biaa.


Na sɛdeɛ ɔteɛ yi, Nyankopɔn hyehyɛ nipadua akwaa he biaa sɛdeɛ ɔpɛ.


Na deɛ odi kane koraa he, honhu sɛ adiyisɛm biaa nni hɔ a nipa dasani betumi de ɔnoaa n’adwene akyerɛ aseɛ,


Na nea ɔnyaa sika dwetire mmɔho mmienu he so baeɛ, bɛkaa sɛ, ‘Owura, womaa me sika dwetire mmɔho mmienu; hwɛ manya mmɔho mmienu aka ho.’


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite