Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Romafoɔ 12:11 - Apam Foforɔ

11 Honnyɛ mmɔdenmmɔ ho nyaa, honyɛ hye honhom mu, honsom Awurade!

Gade chapit la Kopi




Romafoɔ 12:11
33 Referans Kwoze  

Na bɛakyerɛkyerɛ no Awurade kwane so, na esiane sɛ na Honhom ahyɛ no ma nti, ɔkaa Yesu ho asɛm kyerɛkyerɛɛ mu pɛpɛɛpɛ, nso na Yohane asubɔ he nkoaa ne onim.


Ne titire koraa he, honnodɔ ho ho yie, efiri sɛ, dɔ kata bɔne nyinaa so.


Nti esiane sɛ yɛanya ahennie a ɔnwoso yi, homma yɛmfa aseda mmra mfa so nsom Nyankopɔn sɛdeɛ ɔsɔ n’ani anidie ne ahodasoɔ mu,


Korɔmfoɔ nyae korɔno bɔ; na mmom ɔmmɔ mmɔdene mfa ne nsa nyɔ adwuma pa, na woanya bibi de ama ahiafoɔ.


Afei a hoayɔ setie ama nɔkorɛ he de adwira ho kra ho ama hoanya nuadɔ a nyaatwom nni mu he, homfiri ho akoma nyinaa mu nnodɔ ho ho.


na mede ahobrɛaseɛ kɛseɛ ne nisuo pii, ne nsɔhwɛ a ɔtoo me ɔnam Yudafoɔ pɔ a bɛbɔeɛ so som Awurade.


Na ɔnam sɛ amumuyɔ bɛdɔɔso nti, bebree dɔ ano bɛdwo.


Ɔno akyi he, besua aniha, kyinkyini afie mu, na bɛnyɛ aniha nkoaa, na mmom bedi nsekuro a bɛnenam terɛterɛ keka nsɛm a ɔnsɛ sɛ bɛka.


Nso mewɔ nsɛm bi tia wo: Wonnɔ me sɛnea kane he na wodɔ me he.


Awuranom, ho ne ho nkoa nni no yie sɛnea ɔsɛ, efiri sɛ honim sɛ ho nso howɔ Wura bi ya soro.


Nipa a bɛfrɛɛ no Awurade mu he na ɔyɛ akoa he, waade ne ho a ɔyɛ Awurade dea, saa ara nso ne nea bɛfrɛ no he na ɔde ne ho he nso abɛyɛ akoa ama Kristo.


Nso ne wura he buaa sɛ, ‘Wo akoa bɔne ne anihafoɔ! Wonnim sɛ metwa baabi a mennguiɛ, na meboaboa ano baabi a memmfa mmpeteɛ?


Ne saa nti honkeka ho mfomsoɔ nkyerɛkyerɛ ho ho ho ho, na hommɔ mpaeɛ ma ho ho ho ho, na hoanya ayaresa. Teneneeni mpaebɔ a mu ɔdene tumi yɔ nnoɔma bebree.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite