Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Romafoɔ 11:7 - Apam Foforɔ

7 Afei mmɛ bio? Israel nsa anka nea ɔɔhwehwɛ he. Bɛ a bɛayi bɛ he deɛ bɛ nsa kaeɛ, nso bɛ a bɛaka he deɛ beprim bɛ akoma,

Gade chapit la Kopi




Romafoɔ 11:7
25 Referans Kwoze  

Bɛ mu ne wiase nyame afira bɛ a bɛnnye nni he adwene ani, sɛ benhu asɛmpa he ho hann a ɔyɛ Kristo a ɔyɛ Nyankopɔn subane he animuonyam.


Ne saa nti ohu biaa a waayi no mmɔbɔ, na opirim biaa ɔpɛ akoma.


Nti, anuanom, mepɛ sɛ hote saa ahintasɛm yi ase, na hoammu ho ho anyansafoɔ ho ankasa ho ani so: akomapirim bi aba Israelfoɔ bi so, kosi sɛ Amanamane mufoɔ bebree bɛba mu.


Nti saa ne berɛ yi mu nso nnipa nkaeɛ bi ya hɔ a bɛnam adom so ayi bɛ.


sɛnea oyii yɛ Kristo mu ansa na bɛtoo wiase fapem sɛ yɛbɛyɛ kronkron, na yɛ ho ɔmma asɛm n’anim.


Nso na bɛ akoma ɔdene; nɔkorɛ, ɔde besi nnɛ, sɛ bɛkenkane apam dadaa he a, nkatanimu heaa da so ya hɔ osiane sɛ Kristo nkoaa mu ne otwa mu.


na sɛ ɔnam saa kwane he so da n’animuonyam ahonya adi ma mmɔborɔhunu adeɛ a wasiesie ato hɔ dadaada ma animuonyam a—


Yei biaa nhia! Na nea ohia ne sɛ bɛbɛka Kristo ho asɛm akwane nyinaa mu, sɛ ɔyɛ mpatuyɛ mu oo, sɛ ɔyɛ nɔkorɛ mu oo, me mmom deɛ asɛmpa a bɛaka he ne ma m’ani gye.


Afei mmɛ ne mepɛ sɛ mekyerɛ? Sɛ abosom afɔdeɛ yɛ bibi anaa sɛ bosom yɛ bibi?


efiri sɛ, benni tenenee a ofiri Nyankopɔn hɔ he ho nimdeɛ, esiane sɛ bɛpɛ sɛ bɛde bɛ ankasa bɛ tenenee si hɔ nti, bɛmfa bɛ ho nhyɛ Nyankopɔn tenenee mu.


Afei mmɛ bio? Yɛnyɔ bɔne efiri sɛ yenni mmara ase na mmom adom ase anaa? Daabi da!


Hedeɛ asɛm he ne sɛ? Nti yɛ Yudafoɔ he kyɛne bɛ a bɛaka he anaa? Daabi, ɔnte saa koraa; efiri sɛ yɛadi kane aka sɛ, Yudafoɔ oo, Helafoɔ oo, biaa hyɛ bɔne tumi ase,


“Wafira bɛ ani na waama bɛ akoma ayɛ dene, sɛnea ɔbɛyɛ na bɛmmfa bɛ ani nnhu, na bɛ akoma ante aseɛ na bɛansakra na mansa bɛ yadeɛ.”


“Honyere ho ho dendenndene nwura pono teateaa he mu, na meeka akyerɛ ho sɛ nnipa beberee bɛhwehwɛ sɛ bewura mu nso bentumi.


Ɔnam Agya Nyankopɔn botaeɛ so ne beyii ho, na ɔnam ne Honhom so tee ho ho sɛ honyɔ setie mma Yesu Kristo na ɔnam so ama ne mogyaa he ate ho ho. Adom ne asomdwie mmorosoɔ nka ho.


Honnim sɛ akyire yi, ɔyam sɛ ɔde nisuo hwehwɛɛ nhyira he deɛ, nso bɛpoo no, efiri sɛ wanhwehwɛ adwensakra akyi kwane.


Afei nso, bɛante paanoo ho asɛm he ase, ɔnam bɛ akomapirim nti.


Bɛ adwene aduru sum, bɛmmɛne Nyankopɔn nkwa he ho, efiri sɛ, benni ho nimdeɛ ɔnam bɛ akoma pirim nti;


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite