Ewom sɛ me ne ahoteefoɔ he nyinaa mu kumaa koraa, nso bɛde adom yi maa me sɛ memfa so nna asɛm a ɔyɛ Kristo ahonya mu a onni hwehwɛbea he adi nkyerɛ amanamane mufoɔ.
Ɔnam adiyie bi so nti ne mekɔeɛ. Na mede asɛmpa a meka no Amanamane mufoɔ mu he too bɛ anim (mmom ɔyɛ mpanyimfoɔ a bɛagye bɛ atom he ne me ne bɛ yɔɔ kokoam nhyiamu), sɛnea ɔbɛyɛ a mirika a meetu, anaa nea metuiɛ he, ɔnyɛ kwa.