Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Romafoɔ 10:18 - Apam Foforɔ

18 Nso meebisa sɛ, bɛntee koraa? Nɔkwasɛm ne sɛ bɛate; efiri sɛ “Bɛapae mu aka no asaase nyinaa so, na bɛ nsɛm nso aduru wiase afanaa nyinaa.”

Gade chapit la Kopi




Romafoɔ 10:18
23 Referans Kwoze  

Nea odi kane paa ne sɛ, menam Yesu Kristo so da me Nyankopɔn ase ma ho nyinaa, efiri sɛ bɛka ho gyidie ho asɛm wiase baabiaa.


Na bɛbɛka ahennie yi ho asɛmpa ya amane nyinaa mu, de adi adanseɛ ama amanamane nyinaa; yei akyi ansa na awieeɛ he aba.


efiri sɛ, Awurade asɛm he firi ho mu ne trɛeɛ, ɔnyɛ Makedonia ne Akaia nkoaa, na mmom ho gyeɛ a hogyee Nyankopɔn diiɛ he atrɛ aduru mmaa nyinaa, nti ɔmma no nhia yɛ sɛ yɛka ho asɛm biaa,


nso gye sɛ hokɔ soaa tena gyidie he mu, na hogyina ho fapem he so pintinn a homma bɛntwe ho mfiri asɛmpa he anidasoɔ a hoteeɛ a bɛaka no wiase abɔdeɛ nyinaa mu, a me Paulo mayɛ ho somfoɔ he ho.


a aba ho nkyɛne na agye nhini ho mu he. Sɛnea ɔɔso aba na oonyini wiase nyinaa mu he, saa ne ɔɔso aba hoaa ho mu firi da a hoteeɛ na hotee Nyankopɔn adom he ase nɔkorɛ mu.


Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honkɔ wiase nkɔbɔ asɛmpa he dawuro nkyerɛ abɔdeɛ nyinaa.


Nti honkɔyɛ amane nyinaa m’asuafoɔ, na hommɔ bɛ asu nhyɛ Agya he, Ɔba he ne Honhom Kronkron he dini mu,


Meeka akyerɛ ho nɔkorem, wiase baabi a bɛ bɛpae mu aka asɛmpa yi, bɛbɛka deɛ baa yi ayɔ yi de akae no.”


Afei nso, Bronsam faa no de no kosii bepɔ tentene bi atifi, na ɔkyerɛɛ no wiase ahennie ne mu afɛfɛdeɛ nyinaa,


tumi a ɔyɔ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnne, Nyankopɔn Honhom tumi mu, sɛ maawie Kristo asɛmpa he ka firi Yerusalem de kosi Iliriko.


Bɛhyɛɛ da a bebehyia he wieeɛ he, nnipa pii baa baabi a na ɔda he. Na ɔkɔkyerɛɛ asɛm he mu kyerɛɛ bɛ dii Nyankopɔn ahennie he ho adanseɛ, na ɔnam Mose mmara ne Adiyifoɔ he so kaa Yesu ho asɛm a ɔtɔ asom, firi anɔpa kosi anwummerɛ.


Na bɛkɔɔ abɔntene kɔbɔɔ asɛm he dawuro baabiaa, na Awurade de bɛ yɔɔ adwuma na ɔde nsɛnkyerɛnne a odi akyire hyɛɛ asɛm he dene.]


na mmom, medii kane kasa kyerɛɛ Damaskofoɔ. Na afei mekɔɔ Yerusalem, ne Yudea mantam nyinaa mu, ne amanamane mufoɔ hɔ kɔkaa sɛ, sɛ bɛnsakra bɛ adwene na bɛmfa nnwuma a ɔkyerɛ adwensakra so nane mmra Nyankopɔn nkyɛne.


na mmom sɛ Honhom Kronkron he nya ba ho so a, hobenya ahoɔdene, na hoayɛ m’adansefoɔ ya Yerusalem, Yudea ne Samaria de akɔpem asaase ano nohoa.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite