Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Romafoɔ 10:15 - Apam Foforɔ

15 Na sɛ bɛansoma asɛmpakafoɔ a, ɔbɛyɛdɛ na bi akɔka asɛm he? Nti bɛatwerɛ sɛ, “Hwɛ bɛ a bɛde asɛmpa he ba he bɛ nane ase ɔfɛ fa!”

Gade chapit la Kopi




Romafoɔ 10:15
28 Referans Kwoze  

Nti ɔbaa sɛ ɔɔbɛka asomdwie ho asɛm akyerɛ ho a na hoya akyirikyiri ne ho a hobɛne Nyankopɔn;


Na homfa asomdwie he ho asɛmpa nhyehyɛ ho nane sɛ mpaboa.


Ewom sɛ me ne ahoteefoɔ he nyinaa mu kumaa koraa, nso bɛde adom yi maa me sɛ memfa so nna asɛm a ɔyɛ Kristo ahonya mu a onni hwehwɛbea he adi nkyerɛ amanamane mufoɔ.


Nyankopɔn daa no adi kyerɛɛ saa adiyifoɔ he sɛ, ɔnyɛ bɛ ho ne bɛsomeeɛ na mmom ho ne bɛde nnoɔma a asie na bɛɛka ho asɛm he ɔɔsom ho. Na akyire yiaa bɛada Asɛmpa he adi akyerɛ yɛ nyinaa. Saa Honhom Kronkron he a bɛsoma no firii soro he tumi so ne bɛnam kasa kyerɛɛ bɛ; saa tumi heaa so ne bɛnam kasa kyerɛɛ yɛ nso. Yeinom yɛ nnoɔma bi a abɔfoɔ mpo pɛɛ sɛ behu mu.


Na Yesu sane ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Asomdwie nka ho! Sɛnea Agya he asoma me he, saa are ne me nso meesoma ho.”


Nso ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Sɔre kɔ, efiri sɛ, mɛsoma wo akɔ Amanamane a ɔya akyirikyiri mu.’ ”


“Me nuanom, Abraham asefoɔ ne bɛ a besuro Nyankopɔn, yɛ ne bɛde nkwagyeɛ yi ho asɛm abra yɛ.


Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Si kwane so kɔ, efiri sɛ beema yi ne nea mayi sɛ ɔmfa me dini nkɔ amanamane ne ahene ne Israel mma nkyɛne.


Yeinom akyi he, Awurade yii nnipa foforɔ aduɔson somaa bɛ mmienu mmienu dii n’anim kɔɔ kuro biaa ne baabiaa a na ɔno ankasa ɔɔbɛkɔ hɔ.


Yei akyi berɛ tiaa bi mu he, Yesu tutuu akwane kɔɔ nkuro mu ne nkuraa ase kɔ pae mu kaa Nyankopɔn ahennie he ho asɛmpa. Na dummienu he ka ne ho.


“Animuonyam nka Nyankopɔn sorosoro, na asomdwie nka nnipa a bɛsɔ n’ani asaase so.”


Na bɔfoɔ he ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honnsuro, hwɛ, mede asɛmpa a ɔfa anigyeɛ pii a nnipa nyinaa benya he ho ɔɔbra ho,


nti hommisa twawura he na ɔnsoma apaafoɔ nkɔ ne twa adwuma he mu.”


Ɔde asɛm he kɔmaa Israel mma, na ɔkaa asomdwie a ɔnam Yesu Kristo so ba he ho asɛm pa kyerɛɛ bɛ, yei ne nnipa nyinaa wura.


saa nti ne me ho pere me sɛ mɛpaem aka asɛmpa he akyerɛ ho nso a hoya Roma.


Nti mede ayɛ me botae sɛ mɛka asɛmpa he, nyɛ baabi a bɛabɔ Kristo dini dada, na manto bi fapem so,


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite