26 Yei nti Nyankopɔn gyaa bɛ maa akɔnnɔ porɔeɛ. Bɛ mmaa de bɛ honam fam nhyiamudie a ɔnam ne kwane so he sesaa nea ɔnnam ne kwane so,
Saa ara ne Sodom ne Gomora ne nkuro a atwa bɛ ho ahyia a bɛyɔɔ sɛ yeinom, de bɛ ho maa adwamammɔfoɔ, na bekodii honam akɔnnɔ akyi a na ɔnyɛ ne kwane so, na bɛde daa gya twee bɛ aso de ayɔ nsɛnnahɔ ama yɛ.
nnwamamfoɔ, mmeema a bɛ ne mmeema da, nnipatɔnfoɔ, atorɔfoɔ, ntantofoɔ ɔne bibiaa a ɔne nkyerɛkyerɛ pa bɔ abira biaa.
Ne saa nti Nyankopɔn gyae bɛ maa bɛ akoma akɔnnɔ, na akɔnnɔ he de bɛ kɔɔ nnoɔma a ho nte ho, na nnoɔma a ho nte he maa bɛsɛe bɛ nipadua,
Honnim sɛ bɛ a bɛntene he, bennya Nyankopɔn ahennie he? Homma bɛnnaadaa ho! Adwamammɔfoɔ, abosonsomfoɔ, awaresɛefoɔ, mmeema a bɛbɔ ahuhubra, mmeema bɛ ne mmeema da,
osiane sɛ bɛ ani nwu adeɛ bio nti, bɛde bɛ ho ama ahohwie, na bɛyɔ afideɛ nyinaa anibereɛ mu.
Na nnoɔma a behinta yɔ he yɛ aniwuo sɛ bɛbɛbɔ dini mpo;
ɔnyɛ akɔnnɔ anibereɛ mu sɛ Amanamane mufoɔ a bennim Nyankopɔn he;
Na esiane sɛ bɛammu Nyankopɔn nti, Nyankopɔn gyae bɛ maa adwene a ɔmfata na bɛyɔɔ nnoɔma hunu a ɔnsɛ sɛ bɛyɔ koraa.
Nso saa nnipa yi ka nea bennim he ho nsɛmmɔne, na deɛ befiri bɛ nnipa su mu nim sɛ mmoa a benni adwene he nso nim he, ɔno mu ne begu bɛ ho fi.