Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Romafoɔ 1:24 - Apam Foforɔ

24 Ne saa nti Nyankopɔn gyae bɛ maa bɛ akoma akɔnnɔ, na akɔnnɔ he de bɛ kɔɔ nnoɔma a ho nte ho, na nnoɔma a ho nte he maa bɛsɛe bɛ nipadua,

Gade chapit la Kopi




Romafoɔ 1:24
16 Referans Kwoze  

Na Nyankopɔn yii n’ani firii bɛ so, na ogyae bɛ ma bɛsom soro asafo, sɛnea bɛatwerɛ adiyifoɔ he nwoma mu he sɛ: ‘O Israel fie, ɔyɛ me ne hode afɔrebɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ braa me serɛ so mfie adaduannan he?


Ɔno ne tete berɛ a atwam he, ogyae amanamane nyinaa maa bɛfaa bɛaa bɛ akwane so,


Honnyae bɛ; bɛyɛ anifirafoɔ a bɛkyerɛ anifirafoɔ kwane. Sɛ nifirani kyerɛ nifirani kwane a, bɛ mmienu he nyinaa bɛtɔ amena mu.”


sɛ ho mu biaa behu sɛ ɔbɛhyɛ ne nnipadua so kronkronyɛ ne anidie mu,


Honnwane adwamammɔ! Na bɔne biaa a nipa yɔ he nni nipadua he, nso deɛ ɔbɔ adwamane he yɔ bɔne de tia nipadua he ankasa.


“Aduane ya hɔ ma yafunu, na yafunu nso ya hɔ ma aduane dea,” na Nyankopɔn bɛsɛe ne nyinaa. Nipadua nni hɔ ma adwamammɔ, na mmom ɔya hɔ ma Awurade, na Awurade nso ya hɔ ma nipadua he.


Nti, hommma bɔne mmfa ho nipadua a obewu yi nommum, sɛ hobɛyɛ setie ama honam akɔnnɔ.


Saa ara ne mmerɛ bi a atwam he yɛ nyinaa nso yɛbɔɔ yɛ bra sɛnea yɛ honam akɔnnɔ teɛ, yedii honam ne n’akɔnnɔ akyi, na yɛbɛyɛɛ abufuo mma, yɛ awosuo mu, sɛnea nnipa a aka nyinaa teɛ.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite