21 efiri sɛ benim Nyankopɔn deɛ, nso bɛamfa anidie amma no sɛ Nyankopɔn na bɛanna no ase, nso nea bɛdwene he yɛ nsemhunu, na bɛ adwene hunu he yɛɛ sum.
Ɔde nne kɛseɛ teaam sɛ, “Honsuro Nyankopɔn na honkamfo ne kɛseyɛ, efiri sɛ, berɛ he aduru sɛ obu adasamma atɛne. Honsom nea ɔbɔɔ soro, asaase, po ne nsuti he!”
Awurade, hwane na oonsuro wo na ɔɔnhyɛ wo dini animuonyam? Efiri sɛ wo nkoaa ne woyɛ kronkron, na amane nyinaa bɛba abɛkoto w’anim, efiri sɛ w’atɛne tenenee ada adi.
Na ho deɛ, hoyɛ abusua a bɛayi ho, sɛ adehyeɛ asɔfokuo, mane kronkron, Nyankopɔn ankasa nkurofoɔ a bɛayi ho sɛ honka n’anwanwadwuma he ho asɛm. Ɔno na ɔfrɛɛ ho firi sum mu baa ɔno ankasa hann nwanwasono he mu.
na wɔama Amanamane mufoɔ ahyɛ Nyankopɔn animuonyam ne mmɔborɔhunu nti. Sɛnea bɛatwerɛ sɛ, “Nti mɛbɔ wo dini Amanamane mufoɔ mu, na mato wo dini ho ayeyie nnwomu”;
na woabie bɛ ani, adane bɛ afiri sum mu aba hann mu, na bɛafiri Satan tumi mu aba Nyankopɔn nkyɛne, na bɛanya bɔne fakyɛ ne agyapadeɛ bɛ a bɛnam me mu gyidie so ate bɛ ho mu.’