Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Romafoɔ 1:13 - Apam Foforɔ

13 Anuanom agyidifoɔ, mepɛ sɛ hohu sɛ mpɛn pii ne maabɔ me tim pɔ sɛ mɛba ho nkyɛne (nso bibi asi me kwane), na ama matwa aba bi afiri ho hɔ sɛnea mayɔ no Amanamane a aka he hɔ.

Gade chapit la Kopi




Romafoɔ 1:13
38 Referans Kwoze  

Afei bewiee yeinom he, Paulo bɔɔ ne tim pɔ sɛ, sɛ ɔkɔfa Makedonia ne Akaia wie a, ɔbɛkɔ Yerusalem, na ɔkaa sɛ: “Sɛ meduru hɔ a, otwa sɛ mekɔ Roma nso.”


Ɔnyɛ sɛ na mehia akyɛdeɛ he, na mmom mehwehwɛ aba deɛ ɔbɛma ho nkonta adɔɔso.


Nso Awurade gyinaa m’akyi na ɔmaa me ahoɔdene, de kaa asɛmpa he nyinaa sɛ ɔbɛyɛ a amanamane mufoɔ nyinaa bɛte. Nti oyii me firii gyata anum.


Na anuanom, nea ɔfa bɛ a bɛawuwu he ho deɛ, yɛmpɛ sɛ yesi ho so na ho werɛ anho sɛ, nnipa a bɛaka a benni anidasoɔ he.


Efiri sɛ na yɛpɛ sɛ yɛba ho nkyɛne, ampaa sɛ, me Paulo, mepɛɛ mprɛ pii sɛ mɛba, nso Satan sii yɛ kwane.


Anuanom, yɛmpɛ sɛ yɛde ahohia a ɔbaa yɛ so Asia he sie ho; ahohiahia he mu yɛɛ dene paa maa afei deɛ, yesuroo sɛ yɛ nkwa mpo befiri yɛ nsa.


Na deɛ ɔfa honhom fam nsɛm ho deɛ, anuanom, mempɛ sɛ mede bibiaa sie ho.


Anuanom, mempɛ sɛ mede sie ho sɛ agyanom hyɛɛ mununkum ase, na bɛ nyinaa bɛfaa po he mu,


a aba ho nkyɛne na agye nhini ho mu he. Sɛnea ɔɔso aba na oonyini wiase nyinaa mu he, saa ne ɔɔso aba hoaa ho mu firi da a hoteeɛ na hotee Nyankopɔn adom he ase nɔkorɛ mu.


Nti, anuanom, mepɛ sɛ hote saa ahintasɛm yi ase, na hoammu ho ho anyansafoɔ ho ankasa ho ani so: akomapirim bi aba Israelfoɔ bi so, kosi sɛ Amanamane mufoɔ bebree bɛba mu.


Ɔnyɛ ho na hoayi me, na mmom mene maayi ho. Na maayi ho sɛ honkɔso aba, na hoaba he atena hɔ, sɛ ɔbɛyɛ a nea hobebisa Agya he me dini mu biaa ɔde bɛma ho.


Nea otwa he ɔɔgye akatua dada na ɔɔboaboa aba ano akɔ daa nkwam; na nea oduaeɛ ne nea otwaeɛ nyinaa ani agye abom.


Nea onni mmara so he ahintasɛm bɛkɔ so akosi sɛ nea seesei osi kwane he befiri kwane mu


Nso aseda nka Nyankopɔn a odi yɛ asɛm daa ya yɛ ne Kristo nkunimdie santene he mu; ɔma yɛ so ma bɛte ne nimdeɛ hwa ya baabiaa.


Sɛ menyɛ somafoɔ mma afoforɔ a, anyɛ hwee he, meyɛ bi ma ho; efiri sɛ ho yɛ me somafoyɛ ho adansedie, Awurade mu.


Na ɔkyea bɛ wieeɛ he, ofirii aseɛ kaa nea Nyankopɔn nam ne som adwuma he so ayɔ no Amanamane mufoɔ mu he nyinaa kyerɛɛ bɛ.


Na nnipadɔm he nyinaa yɛɛ komm, na betiee Barnaba ne Paulo berɛ a bɛkaa nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ a Nyankopɔn nam bɛ so ayɔ ama amanamane mufoɔ ho asɛm.


Na bɛbaeɛ he, bɛfrɛɛ asafo he boaa ano, na bɛkaa nea Nyankopɔn de bɛ akɔyɛ nyinaa ne sɛnea wabie gyidie pono ama amanamane mufoɔ he.


Meeka akyerɛ ho nɔkorem paa sɛ, sɛ ayuo ba baako antɔ fam anwu a, ɔdasoaa yɛ ba baako; nso sɛ owu a ɔsõ mma bebree.


Na nna he mu he Petro sɔre gyinaa agyidifoɔ he mfinimfini. Na nnipakuo a bɛahyia faako he bɛyɛ nnipa ha aduonu. Na ɔkaa sɛ,


Yehuu agyidifoɔ bi ya hɔ, na bɛsrɛɛ yɛ sɛ yɛntena bɛ nkyɛne nnanson. Na afei yɛkɔɔ Roma.


ɔne sɛ yɛ nyinaa gyidie bɛhyehyɛ yɛ ho yɛ ho dene.


Anuanom, honnim sɛ, meekasa akyerɛ bɛ a benim mmara he, sɛ mmara he kyekyere bi berɛ a onii he te ase?


Afei anuanom, menam yɛ Awurade Yesu Kristo dini so ootu ho fo sɛ, ho nyinaa honya adwene korɔ; na hommma mpaepaemu mma ho mu, na mmom honka mmom adwene korɔ mu ne nsusuiɛ korɔ mu.


Anuanom, honnyɛ asɛm he nteaseɛ mu mmɔfra; na mmom, honyɛ bɔne mu nkokoa; ne nyinaa mu he, honyɛ nnipa a bɛanyini nsɛm ho nteaseɛ mu.


Afei mmɛ ne yɛnyɔ, anuanom? Sɛ hohyia mu a, biaa wɔ nnwom, nkyerɛkyerɛ, adiyie, kasa bi, anaa nkyerɛaseɛ bi. Homma ne nyinaa nyɛ deɛ ɔma nkɔsoɔ.


Anuanom, mfantoho a ɔfa daa asetena ho ne mepɛ sɛ mede ma ho sɛ: Nipa nsamannseɛ a bɛde nsa ahyɛ aseɛ mpo, biaa ntumi nsesa no, na biaa ntumi mfa bi nka ho nso.


Anuanom, yɛ Awurade Yesu Kristo adom nka ho honhom. Amen.


Sɛ mewɔ nkwa na mennwuiɛ a, yei bɛma m’adwuma aso aba. Nso mennim mu nea meyi.


na hoabɔ bra a ɔfata Awurade, a ɔsɔ n’ani koraa, berɛ a hooso aba nnwuma pa nyinaa mu, na ho akɔ so anya Nyankopɔn ho nimdeɛ pii nso.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite