Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Filipifoɔ nwoma 4:9 - Apam Foforɔ

9 Homfa deɛ hoasua, na hoanya, na hoate, na hoahu no me mu he nyɔ adwuma, na asomdwie Nyankopɔn he ne ho bɛtena.

Gade chapit la Kopi




Filipifoɔ nwoma 4:9
36 Referans Kwoze  

Honyɛ asɛm he yɔfoɔ, na mmom honnyɛ atiefoɔ kɛkɛ, nnaadaa ho ho.


Anuanom, homma me nyɛ nhwɛsoɔ mma ho, na homma bɛ a bɛabrabɔ te sɛ yɛ he nyɛ nhwɛsoɔ mma ho.


Nti me nuanom, homfa mmɔdemmɔ nsi frɛ a bɛafrɛ ho ne yi a bɛayi ho he pi; na sɛ hoyɔ saa a, honnsonti da.


Sɛ honim yeinom na hoyɔ a, hoyɛ nhyira.


Na Nyankopɔn asomdwie a ɔboro nteaseɛ nyinaa so he bɛbɔ ho akoma ne ho adwene ho bane, Kristo Yesu mu.


Asomdwie Nyankopɔn he bɛpɛkyɛ Satan ho nane ase ntɛm. Yɛ Awurade Yesu Kristo adom nka ho ho.


Afei, nea otwa toɔ, me nuanom, makra ho. Honyɛ pɛ, honkyekyere ho ho ho ho werɛ, honnya adwene korɔ, hontena asomdwie mu, na dɔ ne asomdwie Nyankopɔn bedi ho akyi.


“Mmɛ nti ne hofrɛ me ‘Awurade, Awurade,’ nso honyɔ nea meka yi?


na honkyerɛkyerɛ bɛ sɛ benni deɛ mahyɛ ho nyinaa so. Na hwɛ, me ne ho ya hɔ nna nyinaa de kosi wiase awieeɛ.”


Ɔnyɛ biaa a ɔfrɛ me sɛ, Awurade, Awurade, ne bɛkɔ soro ahennie mu, na mmom deɛ ɔyɔ m’Agya a ɔya soro he apɛdeɛ.


Na yɛwɔ Awurade mu ahotɔsoɔ ho ho sɛ hoyɔ nea yɛhyɛ ho he, na hobɛkɔ so ayɔ saa.


Na hosuasuaa yɛ ne Awurade, efiri sɛ, ahohiahia pii mu mpo, hode Honhom Kronkron anigyeɛ gyee asɛm he,


Asomdwie Nyankopɔn he ankasa nte ho ho koraa, ɔmfa ho honhom ne ho kra ne ho nipadua nsie yie ma onni mu, berɛ a ho ho ɔmma asɛm biaa wɔ Awurade Yesu Kristo mmaeɛ he mu.


Asomdwie Nyankopɔn he ne ho nyinaa ntena. Amen.


Na ne maame ka kyerɛɛ asomfo he sɛ, “Honnyɔ nea ɔbɛka akyerɛ ho biaa.”


Na obuaa bɛ sɛ, “Me maame ne me nuanom ne nnipa a bɛte Nyankopɔn asɛm na bɛyɔ.”


Na anuanom, hosuasuaa Nyankopɔn asafo a ɔya Yudea he ya Kristo Yesu mu, efiri sɛ hohu amane korɔ heaa ho nkurofoɔ nsam sɛnea behuiɛ ya Yudafoɔ nsam he,


Nti sɛ hodidi oo, honom oo, hoyɛ bibiaa oo, honyɔ ne nyinaa nhyɛ Nyankopɔn animuonyam.


Sɔre kɔ kuro he mu na bɛbɛka nea ɔsɛ sɛ woyɔ akyerɛ wo.”


Awurade ne wo honhom ntena. Adom nka wo!


Na Nyankopɔn nyɛ sakasaka Nyankopɔn na mmom asomdwie Nyankopɔn. (Sɛdeɛ ɔteɛ ahoteefoɔ asafo nyinaa mu he,


Sɛ hoyɔ nea mehyɛ ho he a, hedeɛ hoyɛ me nnamfo.


Bibiaa a yebisa no he, yɛ nsa ka efiri sɛ, yedi ne mmara so na yɛyɔ nea ɔsɔ n’ani.


“Hwɛ, babunu he bɛfa afuro na wawo ba beema, na bɛato ne dini sɛ Immanuel,” asekyerɛ ne sɛ, (Nyankopɔn ne yɛ ya hɔ).


Afei, metu ho fo sɛ, honsua me.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite