Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Filipifoɔ nwoma 4:8 - Apam Foforɔ

8 Adɔfonom, deɛ otwa toɔ koraa ne sɛ, deɛ ɔyɛ nɔkorɛ, deɛ anidie ya mu, deɛ ɔtene, deɛ ho te, deɛ ɔsɔ ani, deɛ ɔwɔ dini pa, sɛ bra pa bi ya hɔ a, sɛ bibi fata ayeyie a, honnwene yeinom ho.

Gade chapit la Kopi




Filipifoɔ nwoma 4:8
67 Referans Kwoze  

Na nyansa a ofiri soro he deɛ, deɛ odi kane ne sɛ, ho te, na afei ɔpɛ asomdwie, ɔdwo, ɔwɔ asoɔmmerɛ, ɔwɔ nteaseɛ; ahummɔborɔ ne aba pa ahyɛ no ma, a ɔnyɛ nyiyimu anaa nyaatwom kwane biaa so.


Na bibiaa mu he, yi wo ho adi sɛ nnwuma pa nhwɛsoɔ, nkyerɛkyerɛ mu yi pɛyɛ, animuduro,


na yɛ botaeɛ ne sɛ yɛbɛyɔ deɛ ɔtene, ɔnyɛ Awurade anim nkoaa, na mmom nnipa anim nso.


Nso Honhom aba he deɛ, ɔno ne dɔ, anigyeɛ, asomdwie, abodwokyɛre, ayamyɛ, papayɔ, gyidie,


Hommɔ bra pa ya amanamane mufoɔ a hofra bɛ mu he mu, na sɛ bɛka ho ho nsɛm sɛ hoyɛ nnebɔnyɛfoɔ a, bɛahu ho papa a hoayɔ he nso nam so ahyɛ Nyankopɔn animuonyam, “nsrada” he.


Hommɔ mpaeɛ ma yɛ; efiri sɛ yɛwɔ ahotɔsoɔ sɛ yɛwɔ ahonim a ho te, yɛasiesie yɛ ho sɛ yebedi nɔkorɛ nnoɔma nyinaa mu.


Mma biaa mmu wo babunuyɛ animtia, na mmom yɛ nhwɛsopa kasaa, nneyɔeɛ, dɔ, gyidie ne ahoteɛ mu.


na hann aba da adi papa ne tenenee ne nea ɔyɛ nɔkorɛ nyinaa mu.


na mmom ɔsɛ sɛ asafo hwɛfoɔ yɛ bi a ɔpɛ ahɔhoyɛ, ɔpɛ papayɔ, n’adwene mu da hɔ, ɔtene, ne ho te, na ɔwɔ ahohyɛsoɔ.


Na biaa a ɔwɔ saa anidasoɔ yi ne mu he te ne ho, sɛnea ɔno nso ho te he.


Afei a hoayɔ setie ama nɔkorɛ he de adwira ho kra ho ama hoanya nuadɔ a nyaatwom nni mu he, homfiri ho akoma nyinaa mu nnodɔ ho ho.


Na ma yɛ nkurofoɔ nsua sɛ bebetu bɛ ho asi hɔ ama nnwuma pa na bɛde aboa nnoɔma a ohia paa, na bɛanyɛ nnipa a mfasoɔ nni bɛ so.


homma yɛmmɔ bra a ɔfata hann mma, ɔnyɛ agobɔne ne nsaboro mu, nyɛ adwamammɔ ne akohwie mu, nyɛ ntɔkwakoo ne aniberebereɛ mu.


Nyamesom a ho te na nkekaeɛ nni mu a Agya Nyankopɔn ani sɔ di: Sɛ bi bɛdwene nyanka ne akunafoɔ ho, bɛ ahohiahia mmerɛ mu, na ɔbɛte ne ho afiri wiase nkekaeɛ ho.


Me mma nkumaa, hommma yɛmmfa ano anaa kɛtrɛma kɛkɛ nnɔ, na mmom homma yɛdɔ nna adi nneyɔeɛ ne nɔkorɛ mu.


Kasa kyerɛ nkokora sɛ bɛnnyɔ bibi mma ɔntraso, bɛma bɛ anim nyɛ duru, na bɛmfa nyansa, dɔ ne boasetɔ nyɛ dene gyidie he mu.


Nso yɛbɔ Nyankopɔn mpaeɛ, na hoanyɔ bɔne biaa, ɔnyɛ sɛ ɔbɛkyerɛ sɛ yɛmfata, na mmom, sɛnea ɔbɛyɔ na hoanya adepa, na yɛ deɛ yɛayɛ sɛ nea yɛmfata.


Na akwannya biaa hobenya he hommɔ ho bra nyansa mu mma wiasefoɔ nhu.


Ne titire koraa he, honnodɔ ho ho yie, efiri sɛ, dɔ kata bɔne nyinaa so.


Efiri sɛ bɛ a bedi mpanyinnie he ho nyɛ hu mma bɛ a bɛbɔ bra pa, na mmom bɛho ohu ma bɛ a bɛyɔ bɔne. Sɛ wompɛ sɛ wosuro tumfoɔ he a, hedeɛ yɔ nea ɔyɛ papa, na wobenya n’anim adom;


Ɔno ne de ne ho maeɛ ɔnam yɛ nti sɛ ɔbɛgye yɛ afiri amumuyɔ nyinaa mu na wate yɛ ho afa yɛ ayɛ ɔno ankasa ne nkurofoɔ a bɛbɔ mmɔdene nwuma pa mu.


Afei deɛ otwa toɔ, me nuanom, honni ahurusie Awurade mu. Ɔnha me sɛ mɛtwerɛ asɛnkorɔ heaa abrɛ ho, sɛ me yɔ saa a, ɔyɛ ahobanbɔ me ho mmom.


na mmom, sɛ bi yɛ Yudani mapa a, ɔyɛ no ne mu, na twetiatwa ankasa yɛ akoma mu asɛm; ɔyɛ honhom mu adeɛ, na mmom ɔnyɛ honam mu adeɛ. Nea ɔyɛ Yudani mapa he, n’ayeyie firi Nyankopɔn hɔ, na mmom ommfiri nnipa hɔ.


ahemfo ne nnipa a bɛwɔ diberɛ akɛseɛ nyinaa, na ama yɛabɔ ahobrɛaseɛ ne asomdwie bra, nyamesuro ne mudie nyinaa mu.


ɔsɛ sɛ bedi ne ho adanse-pa, sɛ ɔyɛ bi a watete mmɔfra, ayɔ ahɔhoyɛ, asom agyidifoɔ he ahobrɛaseɛ mu (ahohoro ahoteefoɔ he nane ase), aboa bɛ a bɛwɔ amaneɛ mu, na ɔde ne ho ama papayɔ adeɛ nyinaa mu.


Ne saa nti honnyina hɔ, na homfa nɔkorɛ mmɔ ho asene sɛ abɔsoɔ, na honhyɛ tenenee sɛ nkataboɔ.


na ama hoanya anidie wiasefoɔ anim na hoamfa ho ho anto biaa so.


Ne saa nti, honnyi atorɔ mfiri ho akwane mu, homma yɛ nyinaa ni nɔkorɛ mma yɛ yɔnkonom, efiri sɛ yɛyɛ yɛ ho yɛ ho akwaa.


yɛ sane animuonyam ne animguaseɛ mu, atenka bɔne ne atenka pa mu. Bebuu yɛ sɛ asisifoɔ nso yɛyɛ nɔkwafoɔ;


Bɛkaa sɛ, “Bɔfoɔ kronkron bi de Nyankopɔn akwankyerɛ maa Konelio, asraafoɔ ha so hwɛfoɔ, teneneeni a osuro Nyankopɔn, a Yudafoɔ nyinaa bɔ no dini pa he sɛ ɔnsoma ma bɛmmɛfa wo mmra ne fie na ontie nea wowɔ ka.”


Bɛ a bɛbɔ betim kasa he hwehwɛ bɛ ankasa bɛ animuonyam; na nea ɔhwehwɛ nea ɔsomaa no he animuonyam he yɛ nɔkwafoɔ a nea ɔntene biaa nni ne mu.


Na afei na beema bi ya Yerusalem a bɛfrɛ no Simeon a na ɔyɛ nipa tenennee a nyamesuro ya ne mu a ɔɔtwɛne Israel awerɛkyekyerɛ, na Honhom Kronkron ya no so.


efiri sɛ, na Herode suro Yohane, esiane sɛ onim sɛ ɔyɛ teneneeni ne kronkronni, nti ɔbɔɔ ne ho bane. Sɛ otie no a, na waayɛ basaa nso na ɔpɛ sɛ otie no.


Nti ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ho ne hobu ho ho bem nnipa anim, nso Nyankopɔn nim ho akomam; efiri sɛ nea ɔsombo nnipa ani so he yɛ akyiwadeɛ Nyankopɔn ani so.


Nti mpɛ ntɛm mmu atɛne ansa na berɛ he aso, ansa na Awurade aba, ɔno ne de nnoɔma a ahinta sum mu bɛba hann mu na wayi akoma mu botaeɛ adi, ansa na ɔde biaa abasobɔ ama no.


“Afei beema bi a bɛfrɛ no Anania a ɔyɛ nyamesuroni sɛnea Mmara he ɔɔhwehwɛ a Yudafoɔ a bɛtete hɔ nyinaa bɔ no dini pa he


Adɔfo, honnye ahonhom nyinaa nnni, na mmom honsɔ ahonhom he nhwɛ sɛ befiri Nyankopɔn anaa; efiri sɛ, atorɔ adiyifoɔ bebree aba wiase.


kasa kyerɛ mmaa mpanyimfoɔ sɛ wo nanom, kasa kyerɛ mmabaa sɛ wo nuammaanom ya ahoteɛ nyinaa mu.


Na hwɛ, na beema bi ya hɔ a bɛfrɛ no Yosef a ɔyɛ badwani na ɔyɛ nipa pa na ɔtene nso.


Ɔsɛ sɛ, otumi hwɛ ɔnoaa ne fie so yie, ma ne mma hyɛ n’ase na bɛbrɛ bɛ ho ase akwane nyinaa so,


Nti anuanom, ho ankasa honhwehwɛ ho mu mmeema nson a hobetumi adi bɛ ho adanse-pa, na Honhom ne nyansa ahyɛ bɛ ma, na yɛmfa saa dwumadie yi nhyɛ bɛ nsa,


Nti bɛsomaa bɛ asuafoɔ ne Herodefoɔ kɔɔ ne nkyɛne, kaa sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, yenim sɛ woyɛ nɔkwafoɔ, wonam nɔkorɛ so kyerɛkyerɛ Nyankopɔn kwane, na wonsuro nipa biaa, saa nso ne wonhwɛ nnipa anim.


Ɔnam yei so ne maa bedii tetefoɔ he ho adanseɛ.


Saa ara nso ne ɔsɛ sɛ mmaa nso anim nyɛ duru, bɛnyɛ nsekuro, na mmom anidahɔ, bɛnyɛ nɔkwafoɔ adeɛ nyinaa mu.


Na yɛasoma ɔne ne onua bi a asafo he nyinaa agye no atom ɔnam asɛmpa a ɔka he nti,


Adɔfonom, yei ne krataa a ɔtɔ so mmienu a matwerɛ abra ho. Metwerɛɛ ne mmienu nyinaa sɛ mede ɔɔbɛkae ho, de akanyane ho adwene,


Na nea ɔsom Kristo saa kwane so he ɔno ne sɔ Nyankopɔn ani na nnipa gye no tom.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite