Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Filipifoɔ nwoma 4:5 - Apam Foforɔ

5 Homma nnipa nyinaa nhu ho dwoɔ. Awurade abɛne.

Gade chapit la Kopi




Filipifoɔ nwoma 4:5
25 Referans Kwoze  

Nti meeka akyerɛ ho, honnwennwene ho kra ho, deɛ hobedi anaa deɛ hobɛnom, anaa ho nipadua ho, ɔfa deɛ hobɛhyɛ ho. Nkwa nsom bo nkyɛne aduane, na nipadua nkyɛne ntoma anaa?


bɛnnka biaa ho asɛmmɔne, bɛnnyɛ ntɔkwapɛfoɔ, ɔsɛ sɛ bɛ dwo na bɛde anidie ma nnipa biaa,


Na “aka kakraa bi, deɛ ɔɔba he bɛba, na ɔnkyɛre koraa;


Nnoɔma nyinaa awieeɛ abɛne. Saa nti homma ho adwene mu nna hɔ, na ho ani nna hɔ mma mpaeɛ.


Nɔkorɛ, mfomsoɔ anya aba ho mu sɛ, hone ho ho wɔ nsɛm. Mmɛ nti ne homma bɛnyɔ bɔne ntia ho mmom? Ɛɛne nti ne homma bensisi ho mmom?


hommma yennyae yɛ ho yɛ ho nhyiamu, sɛdeɛ binom agyae bɛ ho bɛ ho nhyiamu he, na mmom homma yɛnhyehyɛ yɛ ho yɛ ho nkurane, ne titire mmerɛ a yehu sɛ Da he abɛne.


Hwɛ! Ɔnkyɛre koraa mɛba.” Nhyira nka bɛ a betie adiyisɛm a ɔya saa nwoma yi mu he!


Nti sɛ nam weɛ to me nua sintidua a, hedeɛ mennwe nam koraa na manto me nua sintidua.


“Nti honnwene kyena ho, efiri sɛ haw a ɔya kyena mu he, dɔɔso ma kyena heaa. Haw a ɔya da biaa mu he dɔɔso ma da heaa.”


Nea odi nwoma yi ho adanseɛ he ka sɛ, “Nɔkorɛ! Ɔnkyɛre koraa mɛba!” Ɔmmra mu saa. Awurade Yesu, bra!


Bɛhwehwɛɛ berɛ korɔ ne berɛ ahodoɔ a Kristo honhom a ɔya bɛ mu dii kane daa no adi faa n’amanehunu ne akyire animuonyam a ɔbɛba he ho.


Agokansiefoɔ hyɛ bɛ ho so nnoɔma nyinaa mu; bɛyɔ saa de nya abotire deɛ ɔsɛe, na yɛdeɛ yebenya deɛ ɔnsɛe.


hommma bɛmfa honhom anaa asɛm anaa nwoma a bɛka sɛ ofiri yɛ nkyɛne, sɛ ebia Awurade da he anya aduru, nnaadaa ho anaa mmɔ ho hu, berɛ a honyɔɔ nhwehwɛmu.


“Na honhwɛ ho ho so yie, na adidi mmorosoɔ ne nsaborɔ ne asetena mu dadwene anhyɛ ho akoma so, na da he ammɛto ho mpofirem te sɛ fidie,


Sɛ bi mpɛ Awurade Yesu asɛm a, onnue! Yɛ Awurade bra!


Afei m’ankasa Paulo a sɛ meya honkyɛne a, meyɛ hufoɔ, nso sɛ menni honkyɛne a meyɛ kokoɔdurufoɔ ma ho he, menam Kristo dwoɔ ne n’ayamyɛ so srɛ ho,


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite