Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Filipifoɔ nwoma 4:18 - Apam Foforɔ

18 Maanya m’akatua nyinaa, na maanya ama no aboro so; m’ani asɔ paa, sɛ maanya akyɛdeɛ a hode manee Epafrodito he, afɔdeɛ a oohwam, afɔdeɛ a ɔfata na ɔsɔ Nyankopɔn ani.

Gade chapit la Kopi




Filipifoɔ nwoma 4:18
15 Referans Kwoze  

Hommmu ho ani ngu papayɔ ne adekyɛ so, efiri sɛ, saa afɔreɛ he sɔ Nyankopɔn ani.


Menim ahokyerɛ, na menim ahonya nso. Bibiaa ne nnoɔma nyinaa akokwa me, mee ne kɔm ne akonkosɛm ne hiadie;


efiri sɛ, som yi ho adwuma ma ahoteefoɔ nya nea ohia bɛ, na ɔsane nso de aseda mmorosoɔ bra Nyankopɔn.


na hontena dɔ mu, sɛnea Kristo dɔɔ yɛ na ɔde ne ho maeɛ sɛ ayɛyɛdeɛ ne afɔrebɔdeɛ a oohwam ma Nyankopɔn, ɔnam yɛ nti.


Ho nso hote sɛ aboɔ a nkwa yam a bɛnam so oosi honhom mu dane a ɔbɛyɛ asɔfokuo Kronkron a bɛnam Yesu Kristo so bɛbɔ honhom mu afɔdeɛ a ɔsɔ Nyankopɔn ani ya mu.


Anuanom, ɔsɛ sɛ yɛda Nyankopɔn ase ma ho da biaa, sɛnea ɔfata, efiri sɛ ho gyidie oonyini mmorosoɔ, na dɔ a hode dɔ ho ho ho ho he nso oonyini.


Nti anuanom, megyina Nyankopɔn mmɔborɔhunu so ɔɔsrɛ ho sɛ, homfa ho nipadua nsi hɔ sɛ afɔdeɛ a ɔte ase, a ɔyɛ kronkron a ɔsɔ Nyankopɔn ani. Yei ne nyamesom pa.


Beema he hwɛɛ no dinn, na hu kaa no ma obisaa sɛ, “Awurade, ɛɛne a?” Obuaa sɛ, “Wo mpaebɔ ne w’adɔeɛ aforo soro ayɛ nkaeɛ Nyankopɔn anim.


Mefom asafo binom adeɛ faeɛ sɛ akatua sɛ mede bɛsom ho.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite