Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Filipifoɔ nwoma 4:12 - Apam Foforɔ

12 Menim ahokyerɛ, na menim ahonya nso. Bibiaa ne nnoɔma nyinaa akokwa me, mee ne kɔm ne akonkosɛm ne hiadie;

Gade chapit la Kopi




Filipifoɔ nwoma 4:12
15 Referans Kwoze  

Homfa me konnua nto ho ho so, na honsua me, efiri sɛ medwo na mebrɛ me ho ase akoma mu, na hobenya homee ama ho kra.


adwuma ne brɛ mu, apesire mu, kɔm ne sukɔm mu, mmuada pii mu, awɔ ne adagya mu.


Na meya ho nkyɛne he a bibi hia me he, manyɛ adesoa amma biaa, efiri sɛ, anuanom a bɛya Makedonia de m’ahiadeɛ nyinaa maa me. Nɔkorem, manyɛ ho so adesoa bibiaa mu na mɛhwɛ sɛ menyɛ saa nso.


Anaa mayɔ bɔne sɛ mekaa Nyankopɔn asɛmpa he kyerɛɛ ho kwa na mebrɛɛ me ho ase sɛ ɔbɛyɔ a bɛbɛma ho so?


efiri sɛ, bɛka sɛ, “Ne krataa he mu oduru na tumi yam, nso ɔya yɛ ntam a, ɔmmerɛ, na ɔkasa nso a, bɛmfa n’asɛm nyɔ hwee.”


Afei m’ankasa Paulo a sɛ meya honkyɛne a, meyɛ hufoɔ, nso sɛ menni honkyɛne a meyɛ kokoɔdurufoɔ ma ho he, menam Kristo dwoɔ ne n’ayamyɛ so srɛ ho,


Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Yei nti twerɛfoɔ biaa a bɛatete ne sɛ suani ma soro ahennie he te sɛ fiewura a oyi n’agyapadeɛ foforɔ ne dadaa nyinaa firi n’adekoradane mu.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite