10 Medi ahurusie pii Awurade mu sɛ afei deɛ hoafiri aseɛ ɔɔdwene me ho bio, na hoodwene me ho, nso hoanya ho kwane anna no adi.
Na meya ho nkyɛne he a bibi hia me he, manyɛ adesoa amma biaa, efiri sɛ, anuanom a bɛya Makedonia de m’ahiadeɛ nyinaa maa me. Nɔkorem, manyɛ ho so adesoa bibiaa mu na mɛhwɛ sɛ menyɛ saa nso.
Ɔsɛ sɛ bɛ a bɛakyerɛkyerɛ bɛ asɛm he, bɛ ne bɛ akyerɛkyerɛfoɔ he kyɛ nnepa nyinaa.
Meda me Nyankopɔn ase berɛ biaa a mekae ho,
Ne saa nti, akwannya biaa a yebenya he, homma yɛnyɔ nnipa nyinaa papa, ne titire bɛ a bɛka agyidifoɔ abusua ho he.
nɔkorɛ asɛnka ne Nyankopɔn tumi a tenenee akodeɛ a ɔya yɛ nsa nifa ne benkum ka ho;
efiri sɛ, oduru wuo ne nkwa nkwanta, Kristo adwuma nti, ɔde ne nkwa bɔɔ afɔdeɛ sɛ obesi ho anane mu asom me.
Paulo ne Timoteo, Kristo Yesu nkoa, twerɛ krataa yi de kɔma Kristo Yesu mu ahoteefoɔ a bɛya Filipi, ɔne ahwɛfoɔ ne asomfoɔ.