Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Filipifoɔ nwoma 3:20 - Apam Foforɔ

20 Na yɛ deɛ yɛ mane a yefiri mu ankasa ne soro, na hɔ ne yɛɛhwɛ Agyenkwa, Awurade Yesu Kristo anim afiri.

Gade chapit la Kopi




Filipifoɔ nwoma 3:20
36 Referans Kwoze  

Nti afei honyɛ ahɔhoɔ ne amanfrafoɔ bio, na mmom hoyɛ yɔnko-mane-mma ne Nyankopɔn fiefoɔ, ho ne ahoteefoɔ nyinaa,


efiri sɛ yɛmfa yɛ ani nsi nnoɔma a yehu so, na mmom nea yenhu so; efiri sɛ nea yehu he twam frɛdɛ, na nea yenhu he ya hɔ afebɔɔ.


Na mmom, ho deɛ hoaba Sion Bepɔ so ne Nyankopɔn teasefoɔ he kuro, soro Yerusalem, ne abɔfoɔ bebree nhyiamu,


ɔnam anidasoɔ a bɛahyehyɛ ama ho soro he nti. Saa anidasoɔ yi ne hoate ho asɛm dada, nɔkwasɛm a ɔyɛ asɛmpa


na wanyane yɛ ne Kristo na ɔde yɛ atena soro hɔ Kristo Yesu mu,


Ampa, yɛwɔ akokoɔduro, na yɛ ani gye ho mmom sɛ yebefiri nnipadua mu na yɛ ne Awurade akɔtena.


Afei nea aka a ɔsɛ sɛ me nsa ka ne tenenee abotire a Awurade, temufoɔ a ɔtene he de bɛma me Da he, ɔnyɛ me nko na mmom bɛ a bɛdɔ n’ahoyie nyinaa nso.


sɛ hootwɛne ne Ba he afiri soro, deɛ onyane no firii awufoɔ mu he, mekyerɛ Yesu a ɔgye yɛ firi abufuo a ɔɔba mu he.


saa nso ne Kristo a ɔde ne ho bɔɔ afɔreɛ prɛko sɛ ɔbɛsoa nnipa bebree bɔne prɛko he, beyi ne ho adi ne mprenu so a, ɔmmɛyɔ bɔne ho adwuma, na mmom ɔɔbɛgye bɛ a bɛhwɛ no kwane dendenndene he nkwa.


Nso Yerusalem a ɔya soro he deɛ, ɔde ne ho, na ɔno ne yɛ na,


mmerɛ a yɛɛtwɛne yɛ Nyankopɔn kɛseɛ ne yɛ Agyenkwa Yesu Kristo ahotɔ anidasoɔ ne n’animuonyam ahoyie.


na amma adom akyɛdeɛ biaa ammɔ ho berɛ a hootwɛne yɛ Awurade Yesu Kristo adiyie he dendenndene yi.


Na bɛkaa sɛ, “Galilea mmeema, ɛɛne nti na hogyina ha ɔɔhwɛ soro haa yi? Yesu yi a bɛafa no ho nkyɛne kɔ soro yi, ɔbɛba saa, sɛnea hohu no sɛ ɔɔkɔ soro yi.”


Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wo pɛ sɛ wo woyɛ pɛ a, kɔ, tɔno w’ahonyadeɛ, na fa sika he ma ahiafoɔ, na wobenya agyapadeɛ soro; na afei bra, bedi m’akyi.”


efiri sɛ Awurade he ankasa de nteamu dendene, bɔfo panyini frɛ ne Nyankopɔn totorobɛnto nne, bɛsiane afiri soro, na Kristo mu awufoɔ anyane kane.


na wobenya nhyira, efiri sɛ bɛ deɛ benni bibiaa a bɛde betua wo so ka. Na wobenya akatua ateneneefoɔ wusɔreɛ he mu.”


Hwɛ! Ɔnam mununkum mu ɔɔba; ani nyinaa behu no, na bɛ a bɛwɔɔ no pea he nso behu no bi. Na ɔno nti asaase so nnipa nyinaa bɛbɔ bena. Ampa, saa ne ɔbɛyɔ. Amen!


na hoapɛɛpɛɛ mu ahu deɛ ɔyɛ paa, na ho ho ate a nkekaeɛ biaa nni ho ho de akosi Kristo da he,


Saa ne nipa a ɔhyehyɛ agyapadeɛ fa nso ɔnyɛ defoɔ Nyankopɔn fam he teɛ.”


Sɛdeɛ nipa a ofiri fam teɛ he, saa ara ne famfoɔ teɛ; na sɛdeɛ soro nipa he teɛ he, saa ara ne sorofoɔ he nso teɛ.


Deɛ ɔsɛ ho ne sɛ, hobɛbɔ ho bra ama no afata Kristo asɛmpa he, na sɛ meba behu ho oo, sɛ mamma oo, mate sɛ hogyina pintinn honhom korɔ mu, a hode adwene korɔ, na biaa ɔɔyɔ ne fam deɛ ama asɛmpa gyidie he,


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite