Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Filipifoɔ nwoma 3:2 - Apam Foforɔ

2 Honhwɛ ho ho yie nnipa a bɛte sɛ nkramane he ho, honhwɛ yie adwumayɔfoɔ bɔne he ho, honhwɛ yie twetiatwafoɔ he ho!

Gade chapit la Kopi




Filipifoɔ nwoma 3:2
31 Referans Kwoze  

Na saa nnipa yinom yɛ asomafoɔ atorɔfoɔ, adwumayɔfoɔ nnaadaafoɔ, bɛyɛ bɛ ho sɛ Kristo asomafoɔ.


Nnipa a bɛte saa he ka sɛ benim Nyankopɔn, nso bɛde bɛ nneyɔeɛ po no. Bɛyɛ Nyankopɔn akyiwadeɛ, asoɔdenfoɔ, bɛnyɛ ma adwuma pa biaa.


Na kuro he akyi ne nkramane ne adutofoɔ ne adwamanfoɔ ne awudifoɔ ne abosonsomfoɔ ne bɛ a bɛpɛ torɔ na bedi he nyinaa ya.


Na mmom, sɛ ho keka na homemene ho ho a, honhwɛ yie na hoansɛe ho ho.


Bɛ awieeɛ yɛ sɛeɛ; bɛ nyame ne bɛ yafunu; na bɛ animuonyam ya bɛ animguaseɛ mu; bɛ adwene si asaase so nnoɔma so.


Na Kristo Yesu mu he, gyidie a ɔnam dɔ so yɔ adwuma nkoaa ne hia, na ɔnyɛ twetia bɛatwa bi anaa bentwaa no he ne hia.


Honhwɛ yie atorɔ adiyifoɔ ho, bɛ a bɛfira dwane nwoma ba ho nkyɛne nso bɛ mu paa deɛ bɛyɛ mpataku.


Nso ahufoɔ ne bɛ a bɛnnye nni ne akyiwadeyɔfoɔ ne awudifoɔ ne adwamanfoɔ ne adutofoɔ ne abosonsomfoɔ ne atorɔfoɔ nyinaa benya bɛ kyɛfa ya tadeɛ a gya ne sɔfe ɔɔdɛre mu he. Yei ne wuprenu he.”


Hwɛ! Mɛma bɛ a befiri Satan hyiadane mu, a bedi torɔ ka sɛ bɛyɛ Yudafoɔ, nso bɛnyɛ bi he abɛkoto wo nane ase, na bɛ nyinaa ahu sɛ medɔ wo.


Na nnipa bi awiawia bɛ ho aba mu a befiri tete atwerɛ bɛ ho asɛm ato hɔ ama saa atemmuo yi, amumuyɔfoɔ a bɛde akohwibra bu Nyankopɔn adom he animtia, na bɛpo Owura korɔ a ɔne Awurade Yesu Kristo he.


berɛ a wokura gyidie ne ahonim pa a binom apia ato nkyɛne nti, nnipa binom ahwe ase gyidie mu he;


Na yɛ ne bɛatwa yɛ twetia ankasa, a yɛsom Nyankopɔn honhom mu, na yɛhoahoa yɛ ho Kristo Yesu mu na yenni ahotɔsoɔ honam mu he.


Na adehyedie mu ne bɛafrɛ ho aba, me nuanom; homma ahofadie he nyɛ akwannya mma honnyɔ bɔne, na mmom ho mfa dɔ so nyɛ nkoa ma ho ho,


Ɔnyɛ honam fam nnoɔma ne ma bi yɛ Yudani, saa ara nso ne twetiatwa kann nso nna adi anisoɔ ne honam fam nnoɔma mu.


Hommfa ade kronkron mma nkramane; na honnto ho nhwene pa ngu mma mprako, na bɛamfa bɛ nane antiatia so na bɛannane amma ho so ammɛseɛ ho.


“Menim amaneɛ a wohu maa Awurade na menim wo hia nso, nso woyɛ defoɔ honhom mu. Menim nsɛm a bɛ a bɛka sɛ bɛyɛ Yudafoɔ, nso bɛnyɛ Yudafoɔ he ka tia wo. Bɛyɛ Satan apamfoɔ.


Nea ɔbaa bɛ so he kyerɛ sɛ, saa bɛ yi yɛ nɔkorɛ: Kramane sane kɔ ne feɛ ho bio, na “prako a bɛadware no he nso kɔyantam ne ho atɛkyɛ mu.”


Na bebree bɛpa bɛ gyidie, na bebeyiyi bɛ ho bɛ ho ama na bɛatentane bɛ ho bɛ ho.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite