Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Filipifoɔ nwoma 3:19 - Apam Foforɔ

19 Bɛ awieeɛ yɛ sɛeɛ; bɛ nyame ne bɛ yafunu; na bɛ animuonyam ya bɛ animguaseɛ mu; bɛ adwene si asaase so nnoɔma so.

Gade chapit la Kopi




Filipifoɔ nwoma 3:19
52 Referans Kwoze  

efiri sɛ nnipa a bɛte saa he nsom yɛ Awurade Kristo, na mmom bɛsom bɛ a bɛ akɔnnɔ, na bɛde kɛtrɛma dɛ ne adɛfɛdɛfɛsɛm daadaa bɛ a bennim bɔne he akoma.


Saa atorɔ adiyifoɔ yi nam bɛ adufudepɛ so bɛka nnaadaasɛm akyerɛ ho de apɛ ho ho mfasoɔ. Na bɛ deɛ bɛ atemmuo a ɔya hɔ firi teteete he ntwentwɛne ase, saa nso ne bɛ sɛefoɔ he nso gyina bɛ aboboa ano pɛɛ.


Homfa ho adwene nsi soro nnoɔma so, ɔnyɛ asaase so nnoɔma,


Nso, atorɔ adiyifoɔ sɔree bɛ mu, sɛdeɛ akyerɛkyerɛfoɔ atorɔfoɔ bɛsɔre ho nso ho mu, awiawia bɛ ho abɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ bɔne a nɔkorɛ nni mu, na bɛapo owura he a ɔgyee bɛ he sɛ bɛ Awurade, na ɔnam so ama sɛeɛ aba bɛ so prɛko pɛ he.


Nti ɔnyɛ nwanwa sɛ n’asomafoɔ nso bɛyɛ bɛ ho sɛ nɔkorɛ asomafoɔ. Bɛ nnwuma ne bɛkyerɛ bɛ awieeɛ.


Na deɛ meyɔ he mɛkɔ so ayɔ, na bɛ a bɛɛpɛ bibi agyina so ahoahoa bɛ ho sɛ bɛne yɛ yɛ pɛ he annya bibiaa.


na bebenya bɛ nnebɔne so akatua. Nea bebu no anigyeɛ ne daa akohwie asetena, bɛyɛ nkekaeɛ ne dɛm, na nea bɛ ani gye hoaa ne sɛ bɛde atorɔ nkyerɛkyerɛ bɛdaada ho berɛ a bɛ ne ho bom didi he.


Twetiatwafoɔ he mpo nni mmara he so, nso bɛpɛ sɛ hotwa twetia na bɛagyina so ahoahoa bɛ ho.


Nso ahufoɔ ne bɛ a bɛnnye nni ne akyiwadeyɔfoɔ ne awudifoɔ ne adwamanfoɔ ne adutofoɔ ne abosonsomfoɔ ne atorɔfoɔ nyinaa benya bɛ kyɛfa ya tadeɛ a gya ne sɔfe ɔɔdɛre mu he. Yei ne wuprenu he.”


Na hoda soaa yɛ honam mufoɔ. Na mprɛ dodoɔ a ahoɔyea ne apereapereɛ da so ya ho mu he, honyɛ honam mufoɔ a hobɔ ho bra sɛnea honam pɛ?


Na kuro he akyi ne nkramane ne adutofoɔ ne adwamanfoɔ ne awudifoɔ ne abosonsomfoɔ ne bɛ a bɛpɛ torɔ na bedi he nyinaa ya.


Yeinom yɛ anwiinwiifoɔ, yɔnaafoɔ a bedi bɛaa bɛ akɔnnɔ akyi, na bɛyɛ anumdwafoɔ a mfasoɔ nti, bɛdɛfɛdɛfɛ nnipa.


afatwafoɔ, akakabenfoɔ, nnipa a bɛyɛ ahomasoɔ kɛseɛ, nnipa a bɛdɔ anigyedeɛ sene Nyankopɔn;


ne ntɔkwapɛ ba bɛ a porɔeɛ asɛe bɛ adwene a nɔkorɛ asapare bɛ na bɛdwene sɛ nyamesom pa yɛ adeɛ a bɛde pɛ mfasoɔ he mu.


na bɛabu bɛ a bɛannye nɔkorɛ dɔ he anni na mmom bɛanni gyee nea ɔntene ho he atɛne.


efiri nnipa a bɛaka he deɛ, bɛhwehwɛ nea ohia bɛ nkoaa, na mmom ɔnyɛ Yesu Kristo deɛ.


Ho ahohoahoa he nyɛ ade pa. Honnim sɛ mmɔreka kakraa bi ne tu mmɔre he nyinaa?


Na hoyɛ ahomasoɔ! Ɔnsɛ sɛ nka hosu? Na nea wayɔ saa he honyi no mfiri ho mu.


Bɛkyee aboa he ne ne diyifoɔ torɔfoɔ a ɔyɔɔ anwanwadeɛ n’anim he de no too afiase. Saa anwanwadeɛ he so ne ɔnam daadaa bɛ a bɛde aboa he ahyɛ bɛ agyinaeɛ ne bɛ a bɛsom aboa he honyini he. Bɛtoo aboa he ne diyifoɔ torɔfoɔ he anikann guu gya tadeɛ a sɔfe ɔɔdɛre mu he mu.


Nso sɛdeɛ ɔteɛ yi, ho hoahoa ho ho ahantan kwane so; saa ahohoahoa he nyinaa yɛ bɔne.


ansa na bɛayi nea onni mmara so he adi, nea Awurade Yesu de ne honhom beku no na ɔde n’ahoyie ne ne mmaeɛ he beyi no hɔ koraa.


Ɔtwentwɛnee ne nane ase kakra, nso akyire yi ɔkaa no ne tim sɛ, ‘Ewom sɛ mensuro Nyankopɔn na memmu nnipa deɛ,


“Na nipa bi yɛ defoɔ, na ɔtaa hyɛ ataadeɛ pa ne nwera, na da biaa ɔde asetena afɛfɛdeɛ gye n’ani.


na mɛka akyerɛ me kra sɛ, “ ‘Me kra, wowɔ nnoɔma pa pii a bɛaboa ano ama mfie pii, dwodwo wo ho, didi, nom, na gye w’ani.” ’


Na ɔbɛka akyerɛ bɛ a bɛya ne nsa benkum so he sɛ, ‘Ho a bɛadome ho, homfiri me so nkɔ daa gya a bɛasiesie ama Bronsam ne n’abɔfoɔ he mu;


Na ɔdanee ne ho ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Firi me so kɔ, Satan! Woyɛ sintidua ma me; efiri sɛ woamfa w’adwene ansi Nyankopɔn so na mmom honam nnwuma so.”


Homma onhu amane na ne werɛ nho ɔnam animuonyam ne n’ahonya a ɔpɛ maa ne ho he nti, efiri sɛ, daa ɔka sɛ, ‘Mete ha sɛ hemaa. Menyɛ kunafoɔ, me werɛ ɔnho da!’


Na nnipa bi awiawia bɛ ho aba mu a befiri tete atwerɛ bɛ ho asɛm ato hɔ ama saa atemmuo yi, amumuyɔfoɔ a bɛde akohwibra bu Nyankopɔn adom he animtia, na bɛpo Owura korɔ a ɔne Awurade Yesu Kristo he.


Nti mmɛ mfasoɔ ne honyaa no nnoɔma a afei deɛ ho fɛre ho he mu? Saa nnoɔma he awieeɛ ne wuo.


Yeinom benya daa sɛeɛ ho asotwe, na bɛayi bɛ afiri Awurade anim ne ne tumi animuonyam ho,


Nso saa nnipa yi ka nea bennim he ho nsɛmmɔne, na deɛ befiri bɛ nnipa su mu nim sɛ mmoa a benni adwene he nso nim he, ɔno mu ne begu bɛ ho fi.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite