Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Filipifoɔ nwoma 2:29 - Apam Foforɔ

29 Nti homfa anigyeɛ nnye no fɛ so Awurade mu, honni nnipa a bɛte saa he ni,

Gade chapit la Kopi




Filipifoɔ nwoma 2:29
21 Referans Kwoze  

Ma bɛmfa anidie a odi mu mma asafo mpanyimfoɔ a bedi asafo he so yie he, titire ne bɛ a bɛka asɛmpa na bɛkyerɛkyerɛ;


Na anuanom, yɛsrɛ ho, sɛ homfa anidie mma bɛ a bɛbrɛ ma ho na bedi ho so panyini Awurade mu, na betu ho fo he.


Na bɛmaa me honhom ne ho honhom ho dwodwoo bɛ. Nti honnye saa nnipa he ntom.


sɛnea ɔbɛyɛ a hobɛgye no Awurade mu sɛ anidie a ɔfata ahoteefoɔ, na hommoa no nea obebisa ho nyinaa ho, efiri sɛ waboa nnipa bebree a meaa nso meka ho bi.


Na ɔnyɛ deɛ oyi ne ho ayɛ ne fata, na mmom deɛ Awurade yi no ayɛ he ne fata.


Sɛ Timoteo ba a, honhwɛ na wammɔ hu berɛ a ɔya ho nkyɛne, efiri sɛ ɔɔyɛ Awurade adwuma te sɛ meaa,


Yei nti sɛ meba a, mede bibiaa a wayɔ he ho asɛm bɛto ho anim pefee, nsɛmmɔne a ɔka fa me ho nyinaa. Ɔmma no nso hɔaa, na mmom sɛ anuanom he ba a, ɔnnye bɛ, na bɛ a bɛpɛ sɛ bɛgye bɛ he nso, ɔbɔ mmɔdene sɛ obesi bɛ kwane na watu bɛ afiri asafo he mu.


Homfa buo ne ahobrɛaseɛ ma ho mpayimfoɔ, efiri sɛ bɛwɛne ho kra sɛ bɛ a bebu ho akonta. Homma bɛmfa anigye nyɔ na ɔnyɛ ahomeguo so, sɛ bɛde ahomeguo a, ɔnyɛ mfasoɔ biaa mma ho.


Aristarko, me yɔnko deduani kyea ho, saa nso ne Marko a ɔyɛ Barnaba nua nso kyea ho, nea mekaa ne ho asɛm kyerɛɛ ho sɛ, sɛ ɔba ho nkyɛne a, wonnye no fɛ so he.


Hommie ho akoma mu mma yɛ; yɛnyɔɔ biaa bɔne, yɛnsɛe biaa, yɛnsisii biaa.


Na sɛ bɛansoma asɛmpakafoɔ a, ɔbɛyɛdɛ na bi akɔka asɛm he? Nti bɛatwerɛ sɛ, “Hwɛ bɛ a bɛde asɛmpa he ba he bɛ nane ase ɔfɛ fa!”


Na bɛ nso bɛde akyɛdeɛ pii dii yɛ ni, na berɛ a yeefiri hɔ akɔ he, bɛmaa yɛ nnoɔma pii a ho behia yɛ.


Nti anigyeɛ kɛseɛ baa saa kuro he mu.


Da biaa na behyiam asɔrefie hɔ, na bebubu paanoo afie mu, de anigyeɛ ne akoma a mu te didi bom


Meeka akyerɛ ho nɔkorem paa sɛ, nea ɔgye biaa a mesoma no he gye me nso. Saa nso ne nea ɔgye me nso gye nea ɔsomaa me he nso.”


Na baabiaa a nnipa annye ho he, sɛ hoofiri kuro he mu akɔ a, homporoporo ho nane ase mfuturo ngu hɔ ma ɔnyɛ nsɛnkyerɛnne sɛ hoapo bɛ.”


Nti ne me ho pre me kɛse sɛ mɛsoma no ho nkyɛne, na sɛ hohu no bio a hoadi ahurusie, na m’adwendwene so ate.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite