Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Filipifoɔ nwoma 2:22 - Apam Foforɔ

22 Na Timoteo mudie deɛ, honim, sɛdeɛ ɔne me asom asɛmpa adwuma he mu sɛ agya ne ne ba.

Gade chapit la Kopi




Filipifoɔ nwoma 2:22
20 Referans Kwoze  

Yei nti ne mesomaa Timoteo maa no baa honkyɛne, ɔno ne yɛ me ba dɔfoɔ ne nɔkwafoɔ Awurade mu, sɛ ɔnkae ho m’akwane Kristo Yesu mu, sɛdeɛ mekyerɛkyerɛɛ hyiadane biaa mu ya baabiaa he.


twerɛ krataa yi de kɔma Timoteo, me dɔba: Adom, mmɔborɔhunu ne asomdwie a ofiri Agya Nyankopɔn ne yɛ Awurade Kristo Yesu nkyɛne nka wo.


twerɛ krataa yi de kɔma Timoteo, me gyidie mu ba kann: Adom, mmɔborɔhunu ne asomdwie a ofiri Agya Nyankopɔn ne Kristo Yesu, yɛ Awurade nkyɛne nka wo.


Yei nti ne metwerɛɛ saa krataa yi, sɛ meesɔ ho ahwɛ na mahu sɛ hoyɔ setie nnoɔma nyinaa mu anaa.


Me ba Timoteo, mede saa ahyɛdeɛ yeinom ɔɔhyɛ wo nsa, sɛnea nkɔmhyɛ a ɔfa wo ho pɛɛ he kyerɛ he, na woadi akyire atumi ako ko pa he,


Na yɛasoma yɛ nua a yɛasɔ no ahwɛ sɛ ɔyɛ mmɔdemmɔfoɔ nnoɔma bebree mu he aka bɛ ho, na afei awerɛhyɛmu a ɔwɔ no ho mu nti, ɔma ne mmɔdemmɔ a ɔbɔ seesei he boro so.


twerɛ krataa yi de kɔma Tito a ɔyɛ me ba kann gyidie korɔ heaa mu: Adom ne asomdwie a ofiri Agya Nyankopɔn ne Kristo Yesu a ɔyɛ yɛ Agyenkwa nka wo!


Afei wo ankasa woahu me nkyerɛkyerɛ, me bra, me botaeɛ, me gyidie, me boasetɔ, me dɔ, m’abodwokyɛre,


Menni biaa a ho yiedie hia no nɔkorem sɛ ɔno,


Nti honna ho dɔ a yɛde hoahoa yɛ ho he nkyerɛ bɛ a bɛya asafo ahodoɔ he anim.


Menka yei nhyɛsoɔ so, na mmom menam binom mmɔdenmmɔ so ɔɔsɔ ho dɔ ahwɛ.


Na agyidifoɔ a bɛya Listra ne Ikonium he kaa ne ho asɛm pa.


na yɔkoduru de subane pa ba, na subane pa de anidasoɔ ba,


Sɛ Timoteo ba a, honhwɛ na wammɔ hu berɛ a ɔya ho nkyɛne, efiri sɛ ɔɔyɛ Awurade adwuma te sɛ meaa,


sɛ hofiri ahyɛaseɛ he aboa yɛ asɛmpa he ka mu de abesi nnɛ.


Ɔyɛ sɛ mɛdwene saa afa ho nyinaa ho ho, efiri sɛ hoda m’akoma so, na ho nyinaa ho ne me kyɛ Nyankopɔn adom he, m’afiase mpokyerɛ ne asɛmpa he ho anoyie ne ne denhyɛ berɛ mu.


Anuanom, mepɛ sɛ hohu sɛ deɛ ato me he aboa ama asɛmpa he atrɛ mmom,


Na bɛ a bɛde pɛpa ne ka he de dɔ ne di Kristo ho adanseɛ, a benim sɛ asɛmpa he nti ne bɛde me ato afiase ha;


Sɛ wode saa nkyerɛkyerɛ yi to anuanom anim a, wobɛyɛ Kristo Yesu somfo pa a bɛatete wo gyidie nsɛm ne nkyerɛkyerɛ pa a woadi akyire he mu.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite