21 efiri nnipa a bɛaka he deɛ, bɛhwehwɛ nea ohia bɛ nkoaa, na mmom ɔnyɛ Yesu Kristo deɛ.
Honnhwehwɛ ho nkoaa ho yiedie, na mmom honhwehwɛ afoforɔ nso deɛ.
Na Yesu ka kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ, “Sɛ bi pɛ sɛ odi m’akyi a, ma no mpa ne ho akyi na ɔmfa n’asennua na onni m’akyi.
Mmma ho mu biaa nhwɛ nnoɔma a ɔfa ɔno nkoaa ne ho, na mmom honhwɛ nea ɔfa afoforɔ nso ho bi.
efiri sɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfoɔ, sikapɛfoɔ, ahohoahoafoɔ, ahantanfoɔ, abususɛnkafoɔ, awofoɔ ho asoɔdenfoɔ, boniayɛfoɔ, bɛ a benni nyamesuro,
sɛdeɛ meyɔ sɛ mɛsɔ nnipa nyinaa ani nea meyɛ biaa mu he, ɔnyɛ me nkoaa me yieyɔ nti, na mmom, nnipa nyinaa deɛ nso, sɛdeɛ bebenya nkwa.
anaa dwɛɛ; ɔnyɔ deɛ ɔnoaa pɛ, onni koko bɔne anaa abufuo;
“Sɛ bi ba me nkyɛne na w’annɔ me asene ne papa ne ne maame ne ne yerɛ ne ne mma ne ne nuammeemanom ne ne nuammaanom ne n’ankasa mpo kra a, ontumi nyɛ me suani.
Na Dema deɛ, ɔdɔ nnɛ wiase nti, waagya me hɔ kɔ Tesalonika; Kreske kɔ Galatia, Tito nso kɔ Dalmatia.
Na sɛdeɛ Kristo amaneɛ a Kristo nti yehuiɛ dɔɔso he, saa ara nso ne yɛ awerɛkyekyerɛ dɔɔso Kristo mu.
Me nyiano nea odi kane he mu he, biaa annyina m’akyi, biaa põõ me. Mempɛ sɛ bɛde ho asodie bɛto bɛ so.
Nso Paulo yɔɔ n’adwene sɛ esiane sɛ ogyaa bɛ hɔ berɛ a beduruu Pamfilia na ɔne bɛ ankɔyɔ adwuma he nti, ɔnsɛ sɛ bɛde no ka bɛ ho kɔ.
Afei mmeema he ne Paulo faa po so firii Pafo kɔɔ Perge a ɔya Pamfilia. Na Yohane deɛ, ɔne bɛ dii ntete mu sane kɔɔ Yerusalem.
Wonim sɛ bɛ a bɛya Asia nyinaa adane afiri me nkyɛne, bɛ mu bi ne Figelo ne Hermogene.