Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Filipifoɔ nwoma 2:2 - Apam Foforɔ

2 homma m’anigyeɛ nwie pɛyɛ: honnya adwene korɔ ne dɔ korɔ, hontena koroyɛ mu na honya botae korɔ.

Gade chapit la Kopi




Filipifoɔ nwoma 2:2
28 Referans Kwoze  

Ho ne nnipa nyinaa ntena asomdwie mu; honnnyɛ ahantan, na mmom ho ne ahobrɛaseɛfoɔ nante; honnyɛ ahomasoɔ.


Afei anuanom, menam yɛ Awurade Yesu Kristo dini so ootu ho fo sɛ, ho nyinaa honya adwene korɔ; na hommma mpaepaemu mma ho mu, na mmom honka mmom adwene korɔ mu ne nsusuiɛ korɔ mu.


Afei, nea otwa toɔ, me nuanom, makra ho. Honyɛ pɛ, honkyekyere ho ho ho ho werɛ, honnya adwene korɔ, hontena asomdwie mu, na dɔ ne asomdwie Nyankopɔn bedi ho akyi.


Bibiaa nyɛ me anigye nkyɛne sɛ mɛte sɛ me mma he nam nɔkorem.


berɛ a hokita nkwa nsɛm he mu dene na ama matumi ahoahoa me ho Kristo da he sɛ mantu mirika hunu anaa manyɔ adwuma hunu.


Da biaa na behyiam asɔrefie hɔ, na bebubu paanoo afie mu, de anigyeɛ ne akoma a mu te didi bom


M’ani agye kɛse sɛ mahu sɛ wo mma he bi nam nɔkorɛ he mu sɛnea Agya he ahyɛ yɛ heaa.


Na yɛ deɛ, ho nti ɔsɛ sɛ yɛda Nyankopɔn ase daa, anuanom a Nyankopɔn dɔ ho, efiri sɛ Nyankopɔn firi mfitiaseɛ ayi ho kɔ nkwagyeɛ mu, efiri sɛ Nyankopɔn firi mfitiaseɛ yii ho kɔɔ nkwagyeɛ mu; ɔnam te a ɔde honhom he tee ho ho ne nɔkorɛ he mu gyidie ne gyee ho nkwa.


Na ɔyam sɛ menni ho nkyɛne nipadua mu deɛ, nso meka ho, honhom fam, na m’ani gye kwane a hofa so yɔ adeɛ nyinaa pɛpɛɛpɛ ne tintim a ho gyidie atintim Kristo mu he ho.


Metu Euodia ne Sintike fo sɛ benya adwene korɔ Awurade mu.


Menni biaa a ho yiedie hia no nɔkorem sɛ ɔno,


na ɔnyɛ ne mmaeɛ he nko, na mmom awerɛkyekyerɛ nso a onyaa no ho ho na ɔsane ka kaa ho sɛ ho ani agyina yɛ, na ho werɛ aho, na hoku ho ho ma me; na ɔmaa m’ani gyee pii.


Na metwerɛɛ asɛm yiaa braa ho, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a sɛ meba a, bɛ a ɔsɛ sɛ bɛma m’ani gye he mma me werɛ ɔnho; efiri sɛ mewɔ ho nyinaa mu awerɛhyɛmu, sɛ m’anigyeɛ bɛyɛ ho nyinaa anigyeɛ.


Bio nso, Nyankopɔn nam asomafoɔ he so yɔɔ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ bebree nnipa he mu, na na bɛ nyinaa de akoma koro ya Salomo abranaa he so.


Na bɛ nyinaa bɛde akoma korɔ tuu bɛ ho sii hɔ maa mpaebɔ, a na mmaa a bɛne Yesu nanteeɛ he ne Yesu maame Maria ne Yesu nuanom nso ka ho.


daa me mpaebɔ nyinaa mu he, mede anigyeɛ di ma ho nyinaa,


Nea ayeforɔ he wɔ no he ne ayefokunu. Na ayefokunu adamfo a ogyina hɔ na otie ayefokunu he deɛ, n’ani gye paa. Nti m’anigyeɛ awie pɛyɛ.


Mekae nisuo a woteeɛ berɛ a na yeedi mpaepaemu he a, m’ani gyina awia ne anadwo sɛ mehu wo, sɛ ɔbɛyɛ a anigyeɛ bɛhyɛ me ma.


Na Pentekoste da he duruiɛ he, na bɛ nyinaa ahyia faako.


Oo me nua, ampa, ma menya mfasoɔ mfiri wo hɔ Awurade mu! Ma m’akoma ntɔ me yam Kristo mu.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite