Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Filipifoɔ nwoma 2:16 - Apam Foforɔ

16 berɛ a hokita nkwa nsɛm he mu dene na ama matumi ahoahoa me ho Kristo da he sɛ mantu mirika hunu anaa manyɔ adwuma hunu.

Gade chapit la Kopi




Filipifoɔ nwoma 2:16
24 Referans Kwoze  

Nti mentu mmirika kwa, memmɔ akuturuku te sɛ nea meeboro mframa mu kwa;


Ɔnam adiyie bi so nti ne mekɔeɛ. Na mede asɛmpa a meka no Amanamane mufoɔ mu he too bɛ anim (mmom ɔyɛ mpanyimfoɔ a bɛagye bɛ atom he ne me ne bɛ yɔɔ kokoam nhyiamu), sɛnea ɔbɛyɛ a mirika a meetu, anaa nea metuiɛ he, ɔnyɛ kwa.


Nea na ɔya hɔ firi mfitiaseɛ, nea yɛate, nea yɛde yɛ ani ahu, nea yɛhwɛɛ no yie na yɛde yɛ nsa kaeɛ a ɔfa nkwa asɛm he ho he,


Sɛdeɛ hoate yɛ aseɛ kwane bi so he, sɛ Awurade Yesu da he, yɛyɛ ho ahohoahoa sɛdeɛ ho nso hoyɛ yɛ ahohoahoa.


Simon Petro buaa sɛ, “Awurade, hwane nkyɛne ne yɛbɛkɔ? Wo nkoaa ne wowɔ daa nkwa nsɛm.


Yei nti me nso, mesɔ mu a na ɔnsɔ bio he, mesomaeɛ, na mahu ho gyidie mu, na amma sɛ ebia sɔhwɛfoɔ he asɔ ho ahwɛ, ama yɛ mmɔdenmmɔ adwuma he ayɛ kwa.


Honhom ne ma nkwa; honam deɛ nka hwee koraa. Nsɛm a maka akyerɛ ho yi yɛ honhom ne nkwa.


“Nti, meeka akyerɛ ho sɛ, biaa a ɔgye me tom nnipa anim he, Nipa Ba he nso bɛgye no atom Nyankopɔn abɔfoɔ anim.


Nɔkwasɛm di, nkwa na ahoɔdene ya Nyankopɔn asɛm mu, ano ɔnam sene sekane anofanu biaa, otumi hwire bibiaa mu koduru sɛ ɔpaepae kra firi honhom ho, akwaa firi kyim ho; na otumi bu adwene ne akoma mu nsusuiɛ atɛne.


Na bɛamfiri aba a ɔporɔ mu, na mmom befiri nea ɔmporɔ mu, ɔne sɛ bɛnam Nyankopɔn asɛm a ɔte ase na ɔbɛtena hɔ he so ne awo bɛ foforɔ.


Na hwane ne yɛ anidasoɔ anaa anigyeɛ anaa ahohoahoa abotire yɛ Awurade Yesu Kristo anim ya ne ba he mu, ho nso, honni mu bi anaa?


Mesuro ma ho sɛ ebia adwuma a mayɔ ama ho he ayɛ kwa.


Honhom he ne ayeforɔ he dɛ, “Bra!” Na biaa a ɔte saa asɛm yi nso ka sɛ, “Bra!” Na deɛ sukɔm de no he mmra; na nea ɔpɛ he nso mmɛgye nkwa nsuo he kwa.


“Me nuanom, Abraham asefoɔ ne bɛ a besuro Nyankopɔn, yɛ ne bɛde nkwagyeɛ yi ho asɛm abra yɛ.


Deɛ meka kyerɛɛ ho kokoam he, honka no badwam; na deɛ meka guu ho asum he, honnyina adane atifi mmɔ no dawuro.


Ɔno Nyankopɔn ankasa nso bɛhyɛ ho dene akosi awieeɛ, na ho ho amma asɛm Awurade Yesu Kristo da he.


Na mewɔ awerɛhyɛmu sɛ, nea wahyɛ adwuma pa ase ho mu he bɛtoa soaa kosi sɛ obewie no Yesu Kristo da he mu.


na hoapɛɛpɛɛ mu ahu deɛ ɔyɛ paa, na ho ho ate a nkekaeɛ biaa nni ho ho de akosi Kristo da he,


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite