Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Filipifoɔ nwoma 2:11 - Apam Foforɔ

11 na kɛtrɛma nyinaa mpae mu nka sɛ Yesu Kristo ne Awurade, ahyɛ Agya Nyankopɔn animuonyam.”

Gade chapit la Kopi




Filipifoɔ nwoma 2:11
30 Referans Kwoze  

Biaa a ɔpae mu ka sɛ Yesu yɛ Nyankopɔn Ba he Nyankopɔn te ne mu, na ɔno nso te Nyankopɔn mu.


Na bɛatwerɛ sɛ, “Awurade dɛ, sɛ mete ase yi, kotodwe nyinaa bɛkoto me, na kɛtrɛma nyinaa beyi Nyankopɔn ayɛ.”


Hofrɛ me Kyerɛkyerɛfoɔ ne Awurade, na ɔyɛ ne kwane so sɛ hoka saa, efiri sɛ meyɛ saa.


Kwane a hobefa so ahu Nyankopɔn honhom di: Honhom biaa a ɔpae mu ka sɛ Yesu Kristo aba honam mu he firi Nyankopɔn.


Na yei nti Kristo wuiɛ na ɔte ase bio, sɛnea ɔbɛyɛ a ɔbɛyɛ awufoɔ ne ateasefoɔ nyinaa bɛ Awurade.


Nti mepɛ sɛ hote aseɛ sɛ biaa a ɔnam Nyankopɔn honhom mu kasa he nka sɛ, “Yesu yɛ abusudeɛ,” na biaa ntumi nka sɛ “Yesu yɛ Awurade” gye sɛ ɔnam Honhom Kronkron so.


Na bibiaa a hobɛsrɛ me dini mu he ɔno ne mɛyɔ na Agya he anya animuonyam Ba he mu.


Ɔnam ne so ne hogyee Nyankopɔn a onyanee no firii awufoɔ mu na ɔmaa no animuonyam he diiɛ. Ɔnam so ama ho gyidie ne ho anidasoɔ atim Nyankopɔn mu.


nso yɛ deɛ, Nyankopɔn baako pɛ ne yenim sɛ ɔya hɔ, ɔno ne Agya he a nnoɔma nyinaa firi ne mu na ɔnam ɔno nti yɛ ya hɔ; saa ara nso ne yɛwɔ Awurade baako, Yesu Kristo a nnoɔma nyinaa nam ne so ba, na yɛ te ase ne mu he.


Na deɛ odi nkunim he bɛbɛhyɛ no ataade-fitaa, na mempopa ne dini mfiri nkwa nwoma he mu. Mɛbɔ ne dini ahyɛ no animuonyam m’Agya ne n’abɔfoɔ anim.


Saa nti biaa a ɔbɛgye me atum nnipa anim he, me nso mɛgye no atum m’Agya a ɔya soro he anim;


Ɔde asɛm he kɔmaa Israel mma, na ɔkaa asomdwie a ɔnam Yesu Kristo so ba he ho asɛm pa kyerɛɛ bɛ, yei ne nnipa nyinaa wura.


Nti ma Israel fie nyinaa nhu ampa sɛ Nyankopɔn ayɔ Yesu yi a hobɔɔ no asennua mu he Awurade ne Kristo.”


Deɛ nti a n’awofoɔ kaa saa ne sɛ, na besuro Yudafoɔ he; efiri sɛ, na Yudafoɔ he apam dada sɛ, sɛ bi paem ka sɛ Yesu ne Kristo he a, bebetu no afiri hyiadane he mu.


na ama biaa adi Ba he ni sɛnea bedi Agya he ni heaa. Nea onni Ba he ni he, onni Agya a ɔsomaa no he nso ni.


Na nnaadaafoɔ bebree aba wiase, nipa a bɛmpae mu nka sɛ Yesu Kristo baa honam mu. Nipa biaa a ɔte saa he yɛ daadaafoɔ he ne nea ɔko tia Kristo he.


Nipa a odi kane he firi fam, ɔyɛ famni, nipa a ɔtɔ so mmienu he firi soro


na wɔama Amanamane mufoɔ ahyɛ Nyankopɔn animuonyam ne mmɔborɔhunu nti. Sɛnea bɛatwerɛ sɛ, “Nti mɛbɔ wo dini Amanamane mufoɔ mu, na mato wo dini ho ayeyie nnwomu”;


Toma buaa no sɛ, “M’Awurade ne me Nyankopɔn!”


Yesu kaa nsɛm yeinom wieeɛ he, ɔhwɛɛ soro kaa sɛ, “Agya, berɛ he anya aduru, hyɛ wo ba animuonyam na Ba he nso ahyɛ wo animuonyam


Yei nyinaa akyi he, mpanyimfoɔ he mu pii nso gyee no diiɛ; nso Farisifoɔ he nti bɛanka sɛnea ɔbɛyɛ na bentu bɛ mfiri hyiadane he mu,


efiri sɛ bɛawo Agyenkwa a ɔne Awurade Kristo he ama ho nnɛ Dawid kurom.


Yesu buaa no sɛ, “Sɛ bi dɔ me a obedi m’asɛm so, na m’Agya bɛdɔ no, na yɛbɛba ne nkyɛne na yɛ ne no abɛtena.


Na sɛ me a meyɛ Awurade ne Kyerɛkyerɛfoɔ ahohoro ho nane ase a, hedeɛ na ɔsɛ sɛ ho nso ho mu biaa hohoro ne yɔnko nane ase.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite