Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Filipifoɔ nwoma 1:5 - Apam Foforɔ

5 sɛ hofiri ahyɛaseɛ he aboa yɛ asɛmpa he ka mu de abesi nnɛ.

Gade chapit la Kopi




Filipifoɔ nwoma 1:5
23 Referans Kwoze  

Nso gye sɛ yɛsɔ ahotɔsoɔ a yedii kane nyaeɛ he mu pintinn kosi awieeɛ, ansa na yɛanya kyɛfa Yesu mu ankasa.


Nti sɛ wobu me sɛ wo yɔnko dwumayɔni deɛ a, gye no fɛ so sɛdeɛ nka wobɛgye me he.


Ɔyɛ sɛ mɛdwene saa afa ho nyinaa ho ho, efiri sɛ hoda m’akoma so, na ho nyinaa ho ne me kyɛ Nyankopɔn adom he, m’afiase mpokyerɛ ne asɛmpa he ho anoyie ne ne denhyɛ berɛ mu.


nea yɛahu na yɛate he ne yɛɛka akyerɛ ho nso, sɛnea ɔbɛyɛ a ho ne yɛ benya ayɔnkofa. Bio nso saa ayɔnkofa yi ya yɛne Agya he ne ne Ba Yesu Kristo ntam.


ɔne sɛ, Amanamane mufoɔ he abɛyɛ adedifoɔ te sɛ yɛ, nipadua korɔ heaa ho akwaa, na bɛnam asɛmpa he so anya bɔhyɛ he mu kyɛfa Kristo Yesu mu.


Nti anuanom yɛpɛ sɛ hohu Nyankopɔn adom a ɔde adom Makedonia asafo ahodoɔ he;


na aasɔ Makedonia ne Akaia ani sɛ bɛde nea bɛwɔ he bi bɛma ahoteefoɔ a bɛya Yerusalem he mu ahiafoɔ.


Na sɛ yɛnante hann he mu sɛnea ɔno nso nante mu he a, hedeɛ na yɛ ne yɛ ho yɛ ho wɔ ayɔnkofa, na ne Ba Yesu he mogyaa te yɛ ho firi bɔne nyinaa ho.


Simon Petro, Yesu Kristo akoa a ɔsane yɛ ne somafoɔ twerɛ krataa yi de kɔma bɛ a esiane yɛ Nyankopɔn ne yɛ Agyenkwa Yesu Kristo tenenee nti, bɛanya gyidie a ɔte sɛ yɛ deɛ heaa.


Saa nti, m’adɔfoɔ, sɛnea hoyɔ setie ma me daa he, ɔnyɛ sɛ berɛ a meya ho nkyɛne nkoaa mu, na mmom seesei a menni ho nkyɛne titire he, homfa suro ne ahopopoɔ nyɔ hoaa ho nkwagyeɛ ho adwuma;


Nyankopɔn a wafrɛ ho aba ne Ba, yɛ Awurade Yesu Kristo ayɔnkofa mu, he yɛ nɔkwafoɔ.


Nso sɛ mmane he bi bu firii ho a, na wo, wuram ngodua, bɛde wo hyɛɛ ananem sɛ wobenya ahonya a ɔya ngodua nhini he mu bi a,


Na betuu bɛ ho sii hɔ maa asomafoɔ he nkyerɛkyerɛ ne ayɔnkofa, paanoo bubuo ne mpaebɔ.


Hommoa ahoteefoɔ ma bɛ nsa nka bɛ ahiadeɛ; homma ho ani nye ahɔhoyɛ ho.


Anuanom, mepɛ sɛ hohu sɛ deɛ ato me he aboa ama asɛmpa he atrɛ mmom,


Na bɛ a bɛde pɛpa ne ka he de dɔ ne di Kristo ho adanseɛ, a benim sɛ asɛmpa he nti ne bɛde me ato afiase ha;


Deɛ ɔsɛ ho ne sɛ, hobɛbɔ ho bra ama no afata Kristo asɛmpa he, na sɛ meba behu ho oo, sɛ mamma oo, mate sɛ hogyina pintinn honhom korɔ mu, a hode adwene korɔ, na biaa ɔɔyɔ ne fam deɛ ama asɛmpa gyidie he,


Na Timoteo mudie deɛ, honim, sɛdeɛ ɔne me asom asɛmpa adwuma he mu sɛ agya ne ne ba.


Afei nso, mesrɛ wo, me yɔnko dwumayɔni, sɛ boa saa mmaa yi, na bɛaberɛ me ho asɛmpa adwuma he mu, bɛ ne Klemens ne me yɔnkonom adwumayɔfoɔ dodoɔ a bɛ dini ya nkwa nwoma mu he.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite