Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Filipifoɔ nwoma 1:30 - Apam Foforɔ

30 Na howɔ ahohiahia korɔ a hohu sɛ meyam he, na hoate sɛ meda so yam heaa mu bi.

Gade chapit la Kopi




Filipifoɔ nwoma 1:30
21 Referans Kwoze  

na ɔyam sɛ yedii kane huu amane na beguu yɛ anim ase ya Filipi deɛ, nso sɛdeɛ honim he, yenyaa akokoɔduro ya yɛ Nyankopɔn mu paee mu kaa Nyankopɔn asɛmpa, ɔmfa ho ne sɔretia kɛseɛ a ɔbaa yɛ so he mpo.


Maakõ kõ pa he, maawie mmirika he tu, maakura gyidie he mu.


Ampa, apereapereɛ a ho ne bɔne oodi yi, onnya nkoduru sɛ hode ho mogyaa betwa so koraa.


Maaka yeinom nyinaa akyerɛ ho sɛ ɔbɛyɛ a hobenya asomdwie me mu. Hobehyia taa wiase mu. Nso homma ho bo ntɔ ho yam; na maadi wiase so nkunim dada!


Nso bɛnam Adwamaa he mogyaa so ne bɛ adanseɛ asɛm adi no so nkunim, na bɛannɔ bɛ kra, mpo de kosii wuo mu.


Ko gyidie ko pa he, sɔ daa nkwa a bɛfrɛ wo baa mu, berɛ a wogye too mu kwane pa so adansefoɔ bebree anim, he mu dene.


Yei nti ne mepre de m’ahoɔdene nyinaa yɔ adwuma sɛnea n’ahoɔdene kanyane me he.


na waama amrado abane mufoɔ nyinaa ne biaa nso ahu sɛ meda mpokyerem Kristo mu;


Na mepɛ sɛ hohu apereapereɛ dendene a medi no ho ho ne bɛ a bɛya Laodikea ne bɛ a benhuu m’anim honam mu nyinaa nso ho.


Saa nti yɛ nso, esiane sɛ adansefoɔ bebree atwa yɛ ho ahyia yi, homma yɛnto adesoa ne bɔne biaa a ɔkyekyere yɛ na ɔtwe yɛ he ngu, na yɛmfa animia ntu akansie a ɔda yɛ anim he mu mmirika,


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite