Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Filipifoɔ nwoma 1:20 - Apam Foforɔ

20 M’ani da so paa sɛ, m’anim ongu ase kwane biaa so, na mmom sɛ mede akokoɔduro nyinaa ɔɔkasa yi, bɛbɛma Kristo so seesei sɛnea bɛama ne so daa me nipadua mu, sɛ ɔnam nkwa so anaa ɔnam wuo so.

Gade chapit la Kopi




Filipifoɔ nwoma 1:20
41 Referans Kwoze  

Na sɛ hohu amane ya ho Kristosom ho a, hommma ho ani nwu na mmom, honna Nyankopɔn ase sɛ Kristo dini bata ho ho.


Efiri sɛ ɔtɔɔ ho aboɔdene; nti homfa ho nipadua nhyɛ no animuonyam.


Asomdwie Nyankopɔn he ankasa nte ho ho koraa, ɔmfa ho honhom ne ho kra ne ho nipadua nsie yie ma onni mu, berɛ a ho ho ɔmma asɛm biaa wɔ Awurade Yesu Kristo mmaeɛ he mu.


Na afei, me mma nkumaa, hontena ne mu sɛnea ɔbɛyɛ a sɛ oyi ne ho adi a, yebenya akokoɔduro na yɛmfa aniwuo nkohinta da a ɔbɛba he.


Na mpo, sɛ ɔsɛ sɛ behwie me mogyaa gu sɛ beegu nsa ɔnam ho gyidie ne ho afɔrebɔ nti a, ɔma m’ani gye, na me ne ho nyinaa di ahurusie,


Na abɔdeɛ he de anigyina ɔɔtwɛne Nyankopɔn mma ahoyie dendenndene;


Na afei sɛ me hoahoa me ho boro so kakra ya tumidie a Awurade de ama yɛ sɛ yɛmfa nhyɛ ho dene, na ɔnyɛ sɛ yɛde bebu ho aba mu he ho mpo a, m’ani nwu.


daa yɛsoa Yesu wuo he yɛ nnipadua mu, na ama Yesu nkwa he nso ada adi yɛ nnipadua mu.


na n’adwene yɛ ntanta. Na deɛ ɔnwareɛ anaa babunu dwene Awurade adwuma ho, sɛ ɔbɛyɛ kronkron honam ne honhom mu; nso baa warefoɔ dwene daa daa asetena asɛm ho, sɛdeɛ ɔbɛsɔ ne kunu ani.


na anidasoɔ nni hwammɔ, efiri sɛ bɛnam Honhom Kronkron a bɛde ama yɛ he so ahwie Nyankopɔn dɔ agu yɛ akoma mu.


Afei ho nti, m’ani gye m’ahohiahia mu, efiri sɛ, me honam mu amanehunu he da Kristo amanehunu he adi, ɔnam ne nipadua ne asafo he nti.


Nti anuanom, megyina Nyankopɔn mmɔborɔhunu so ɔɔsrɛ ho sɛ, homfa ho nipadua nsi hɔ sɛ afɔdeɛ a ɔte ase, a ɔyɛ kronkron a ɔsɔ Nyankopɔn ani. Yei ne nyamesom pa.


na anuanom he mu fa kɛseɛ he nam me mpokyerɛ he so anya Awurade mu awerɛhyemu ma bɛde akokoɔduro kɛseɛ ka Nyankopɔn asɛm a bensuro koraa.


Na sɛ mede ho hoahoa me ho kyerɛ no a, m’ani nwu, na mmom sɛnea yɛkaa ho nsɛm nyinaa nɔkorem he, saa ara nso ne yɛ ahohoa a yɛhoahoa yɛ ho Tito anim he nso ada adi sɛ ɔyɛ nɔkorɛ.


Na owu maa yɛ nyinaa, sɛnea ɔbɛyɛ a bɛ a bɛte ase he ntena ase mma bɛ ho bio, na mmom bɛbɛtena ase ama deɛ owuiɛ na ɔsɔre maa bɛ he.


Mewu da biaa! Anuanom, sɛ mehoahoa meho ho mu a mehoahoa me ho ya yɛ wura Kristo Yesu mu.


sɛnea bɛatwerɛ sɛ, “Hwɛ, meeto fapem bi Sion a ɔbɛto nnipa bebree sintidua, botane a ɔbɛma bɛahwe ase, na biaa a ɔbɛgye no adi biaa nsa onsi fam.”


Meeka no nipafam esiane ho honam mmerɛeɛ nti. Sɛnea hode ho honam akwaa maa fi nkoa na hoyɔɔ amumuyɔ toaa amumuyɔ so he, nti saa mmerɛ yi deɛ homfa ho ho ma sɛ tenenee nkoa nkɔ ahoteɛ mu.


Hommfa ho nipadua mma bɔne sɛ akodeɛ amumuyɔ kwane so, na mmom homfa ho ho ma Nyankopɔn sɛ bɛ a bɛagye bɛ afiri wuom aba nkwa mu, na homfa ho ho ma sɛ tenenee akodeɛ.


Nso obuaa sɛ, “Mmɛ ne hooyɔ yi, sɛ hode su ɔɔte me nsono mu yi? Masiesie me ho sɛ ɔnyɛ kyekyere a bɛbɛkyekyere me nkoaa, na mmom, sɛ otwa sɛ mewu mpo a mewu ama Awurade Yesu dini ya Yerusalem.”


Nso memmu me kra sɛ adehia sɛ wie a mewie me som ne adwuma a Awurade Yesu de ahyɛ me nsa sɛ menka asɛmpa a ɔfa Nyankopɔn adom he ho he.


(Ɔkaa yei de kyerɛɛ wuo korɔ a obewu de ahyɛ Nyankopɔn animuonyam.) Yei akyi he ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Di m’akyi.”


Berɛ a bewiee mpaebɔ he, baabi a behyiaam he wosoeɛ, na Honhom Kronkron bɛhyɛɛ bɛ nyinaa mama na bɛde akokoɔduro kaa Nyankopɔn asɛm he.


Ɔnam sɛ yɛwɔ saa anidasoɔ yi nti, yɛde akokoɔduro kasa,


Mede ho hoahoa me ho, mewɔ ahotɔsoɔ pii ya ho mu; awerɛkyekyerɛ ahyɛ me ma; na m’ani gye boro so yɛ ahohia nyinaa mu mpo.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite