Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 9:6 - Apam Foforɔ

6 Na sɛ hobehu sɛ Nipa Ba he wɔ tumi asaase so sɛ ɔde bɔne kyɛ nti a.” Na afei ɔka kyerɛɛ bubuani he sɛ, “Sɔre, fa wo kɛtɛ, na kɔ wo fie.”

Gade chapit la Kopi




Mateo 9:6
24 Referans Kwoze  

Na yei mu mɛneɛ ne ɔmmerɛ, sɛ wobɛka sɛ, ‘Bɛde wo bɔne akyɛ wo,’ anaa sɛ wobɛka sɛ, ‘Sɔre nante’?


Na deɛ hode ne mfomsoɔ bɛkyɛ no he, me nso mede akyɛ no. Na sɛ mede bibi akyɛ a, deɛ mede akyɛ he, ho nti ne mede kyɛeɛ Kristo anim;


Sɛ ho mu bi wɔ asɛm tia ne yɔnko, a honkɔ so nya ho ho aboterɛ, na sɛ bi wɔ asɛm bi tia bi a, homfa nkyekyɛ ho ho sɛnea Awurade de ho bɔne akyɛ ho he, saa ara ne ho nso homfa nkyɛ.


na honyɔ ayamyɛ mma ho ho ho ho, honya ahummɔborɔ, homfa afoforɔ bɔne nkyɛ bɛ, sɛnea Nyankopɔn nam Kristo so de ho bɔne akyɛ ho he.


Nti yɛyɛ Kristo anamusifoɔ, ɔne sɛ Nyankopɔn nam yɛ so ootu fo; nti yegyina Kristo anamu tu ho fo sɛ, homma bɛmpata ntwe ho mfam Nyankopɔn ho.


Na Petro ka kyerɛ no sɛ, “Aenia, Yesu Kristo asa wo yadeɛ. Sɔre na woaa sɛ wo kɛtɛ.” Na ntɛmaa ɔsɔreeɛ.


Saa nipa yi ne Nyankopɔn maa no so sɛ Safohene ne Agyenkwa kɔɔ ne nsa nifa so, sɛ ɔmma Israel nnya adwensakra ne bɔne fakyɛ.


sɛnea woama no nnipa nyinaa so tumi, sɛ biaa a wode ama no he ɔmma bɛ daa nkwa.


Mema bɛ daa nkwa, na bɛnyera da. Na biaa ntumi nhwim bɛ mfiri me nsam.


Hɔaa ne atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ he firii aseɛ dwenee ho sɛ, “Hwane di a ɔka abususɛm sei? Hwane ne betumi de bɔne akyɛ ka Nyankopɔn ho?”


Na sɛdeɛ ɔbɛyɛ a hobehu sɛ Nipa Ba he wɔ tumi asaase so sɛ ɔde bɔne kyɛ nti ɔka kyerɛɛ bubuani he sɛ,


“Ɛɛne nti ne ɔkasa saa? Ɔyɛ abususɛm! Hwane ne tumi de bɔne kyɛ ka Nyankopɔn ho?”


Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Sakramane wɔ bɔno, na nnomaa a bɛya wiem wɔ pirebuo; nso Nipa Ba he deɛ onni baabi a ɔde ne ti bɛto mpo.”


Nti ne ho asɛm trɛɛ Siria nyinaa, na bɛde ayarefoɔ, bɛ a bɛyare yadeɛ ahodoɔ ne bɛ a bɛ honam tutu bɛ, ne bɛ a honhom fi ne twerɛ ya bɛ so, ɔne mmubuafoɔ nyinaa, baa ne nkyɛne. Na ɔsaa bɛ nyinaa yadeɛ.


Na hwɛ, nnipa binom de bubuani bi a ɔda kɛtɛ so braa no. Berɛ a Yesu huu bɛ gyidie he, ɔka kyerɛɛ bubuani he sɛ, “Ɔba, ma wo akoma ntɔ wo yam, bɛde wo bɔne akyɛ wo.”


Na ɔsɔreeɛ na ɔkɔɔ ne fie.


Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɔre fa wo kɛtɛ na nante.”


Na waama no tumi sɛ ommu atɛne nso, efiri sɛ ɔno ne Nipa Ba he.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite