30 Na bɛ ani biebieɛ. Afei Yesu bɔɔ bɛ kɔkɔ dendenndene sɛ, “Honhwɛ na biaa ante yei.”
Afei ɔhyɛɛ beema he sɛ ɔnnka nkyerɛ biaa. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ sɔfo, na bɔ w’ahofire ho afɔdeɛ sɛnea Mose hyɛeɛ he, na ɔnyɛ adanseɛ mma bɛ.”
Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ na woanka ankyerɛ nipa biaa; afei kɔ, fa wo ho kɔkyerɛ sɔfo, na bɔ afɔdeɛ a Mose hyɛeɛ he, na ɔnyɛ adansedie mma bɛ.”
Na n’awofoɔ he ho dwirii bɛ; nso ɔhyɛɛ bɛ sɛ bɛnka nea asi he nkyerɛ biaa.
Na ɔhyɛɛ bɛ ketee sɛ bɛmma biaa nte yei, na afei ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, bɛmma akwadaa he bibi nni.
Befiri bepɔ he so oosiane he, Yesu hyɛɛ bɛ sɛ, “Honnka anisoadehunu yi ho asɛm nkyerɛ biaa kosi sɛ Nipa Ba he bɛsɔre afiri awufoɔ mu.”
na ɔhyɛɛ bɛ sɛ bɛmma biaa nhu ne nipa bane.
Na ogyaa no kwane ntɛm so braa no keteee
Na ɔhyɛɛ bɛ ketee sɛ bɛnna no adi nkyerɛ biaa.